13 Na beduruu hɔ he, bɛforo kɔɔ abrosane so kowuraa dane bi a na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te mu he mu.
Na ɔde ne nsa yɔɔ nsɛnkyerɛnee kyerɛɛ bɛ sɛ bɛnyɛ dinn. Na ɔkyerɛɛ bɛ kwane a Awurade nam so yii no firii afiase hɔ. Na ɔkaa bio nso sɛ, “Honkɔka yei nkyerɛ Yakobo ne agyidifoɔ he.” Na ofirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.
Afei Petro ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honsakra ho adwene, na ho nyinaa homma bɛmmɔ ho asu Yesu Kristo dini mu, na hoanya bɔne fakyɛ, na hobenya akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he.
na berɛ a Yakobo ne Kefa ne Yohane a bebu bɛ sɛ asafo he akannifoɔ he huu adom a manya he, bɛde bɛ nsa nifa too me ne Barnaba nsam kyerɛɛ ayɔnkofa a ɔda yɛ ntam, na bɛpenee so sɛ yɛnkɔ Amanamane mufoɔ bɛ mu na bɛ nso bɛnkɔ twetiatwafoɔ he mu.
Na behuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoɔduro so he, na behuu sɛ bɛyɛ nnipa a bensuaa nwoma na bɛyɛ mpapahwekwaa he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa. Na behuu sɛ na bɛne Yesu ne nanteeɛ.
Na Petro ne dubaako he sɔre gyinaeɛ; afei Petro teaam ka kyerɛɛ nnipa a bɛya hɔ he sɛ, “Yudafoɔ ne ho a hote Yerusalem nyinaa, honyɛ aso ntie nea meebɛka yi!
Me, Asafo Panyini, twerɛ krataa yi de kɔma Awuraa a bɛayi no ne ne mma a medɔ bɛ nɔkorɛ he mu. Ɔnyɛ me nkoaa, na mmom bɛ a benim nɔkorɛ he nyinaa nso dɔ ho,