Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Yohane 1:9 - Apam Foforɔ

9 Nipa biaa a ɔfom na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ he mu he, onnim Nyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ he mu he, ɔno mmom ne nea onim Agya he ne ne Ba he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Yohane 1:9
15 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na biaa nnim Ba he, gye Agya he; na biaa nnim Agya he nso, gye Ba he ne biaa a Ba he pɛ sɛ ɔbɛma n’ahu no.


M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa, na biaa nnim onii ko a Ba he yɛ, gye Agya he; na biaa nnim onii a Agya he yɛ, gye Ba he ne nea Ba he pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no nkoaa.”


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene kwane he, nɔkorɛ he ne nkwa he, bi nkɔ Agya he nkyɛne gye sɛ ɔfa me so.


Sɛ bi antena me mu a, betwa no twene sɛ mmabaa a mfasoɔ nni so; na bɛboaboa ano de kogu gya mu ma ɔhye.


na ama biaa adi Ba he ni sɛnea bedi Agya he ni heaa. Nea onni Ba he ni he, onni Agya a ɔsomaa no he nso ni.


Na afei Yesu ka kyerɛɛ Yudafoɔ a bɛagye adi he sɛ, “Sɛ hotena m’asɛm mu a, hoyɛ m’asuafoɔ ampa;


Na betuu bɛ ho sii hɔ maa asomafoɔ he nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa, paanoo bubuo ne mpaebɔ.


Homma Kristo asɛm ntena ho mu yie. Honkyerɛkyerɛ na hontu ho ho fo nyansasɛm nyinaa mu, na homfa akoma mu aseda nto sankunnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom mma Nyankopɔn.


bennwia adeɛ mfiri bɛ wuranom fotoɔ mu, na mmom benni nɔkorɛ turodoo ade nyinaa mu, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bebeyi Nyankopɔn a ɔyɛ yɛ Agyenkwa he nkyerɛkyerɛ ayɛ.


Nso gye sɛ yɛsɔ ahotɔsoɔ a yedii kane nyaeɛ he mu pintinn kosi awieeɛ, ansa na yɛanya kyɛfa Yesu mu ankasa.


Nti afei, homma yɛmfa Kristo ho mfitiasesɛm he nto nkyɛne, na yɛmpere nkɔ nkyerɛkyerɛ a ɔfata bɛ a bɛ anyini Kristo mu he, na yɛansane anto fapem a ɔfa yeinom ho bio: nnwuma funu ho adwensakra ne Nyankopɔn mu gyidie,


nea yɛahu na yɛate he ne yɛɛka akyerɛ ho nso, sɛnea ɔbɛyɛ a ho ne yɛ benya ayɔnkofa. Bio nso saa ayɔnkofa yi ya yɛne Agya he ne ne Ba Yesu Kristo ntam.


Metwerɛɛ krataa bi kɔmaa asafo he, nso Diotrefe a ɔpɛ sɛ odi kane bɛ mu he antie nea mekaeɛ he, efiri sɛ, ɔnnye me mpanyinnie ntom.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ