Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Tesalonikafoɔ 3:4 - Apam Foforɔ

4 Na yɛwɔ Awurade mu ahotɔsoɔ ho ho sɛ hoyɔ nea yɛhyɛ ho he, na hobɛkɔ so ayɔ saa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Tesalonikafoɔ 3:4
18 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na honkyerɛkyerɛ bɛ sɛ benni deɛ mahyɛ ho nyinaa so. Na hwɛ, me ne ho ya hɔ nna nyinaa de kosi wiase awieeɛ.”


Me ankasa mewɔ awerɛhyɛmu ma ho, me nuanom, ho ankasa hoayɛ ma nnepa a ɔyɛ nyinaa mu, nimdeɛ nyinaa ahyɛ ho ma, na hotumi kyerɛkyerɛ ho ho.


Nti menhyɛ me ho nka asɛm biaa gye nea Kristo nam me so ayɔ ama Amanamane mufoɔ setie ya asɛm ne adwuma mu


bɛ a bɛde ntoboaseɛ yɔ papa hwehwɛ animuonyam ne anidie ne nea ɔmporɔ he, ɔbɛma bɛ daa nkwa;


Sɛ bi ka sɛ ɔyɛ diyifoɔ, anaa ɔwɔ honhom mu tumi a, ɔsɛ sɛ ohu sɛ deɛ meetwerɛ ama ho yi yɛ ahyɛdeɛ firi Nyankopɔn hɔ.


twetiatwa nka hwee, saa ara nso ne sɛ bentwaa bi twetia a ɔno nso nseɛ bibiaa; mmom Nyankopɔn mmara so die ne hia.


Na metwerɛɛ asɛm yiaa braa ho, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a sɛ meba a, bɛ a ɔsɛ sɛ bɛma m’ani gye he mma me werɛ ɔnho; efiri sɛ mewɔ ho nyinaa mu awerɛhyɛmu, sɛ m’anigyeɛ bɛyɛ ho nyinaa anigyeɛ.


Yei nti ne metwerɛɛ saa krataa yi, sɛ meesɔ ho ahwɛ na mahu sɛ hoyɔ setie nnoɔma nyinaa mu anaa.


Na yɛasoma yɛ nua a yɛasɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ nnoɔma bebree mu he aka bɛ ho, na afei awerɛhyɛmu a ɔwɔ no ho mu nti, ɔma ne mmɔdemmɔ a ɔbɔ seesei he boro so.


Mewɔ ho mu awerɛhyemu paa Awurade mu sɛ honnwene adwene foforɔ biaa. Nso nea ɔɔma ho adwene ayɔ ho ntanta he benya n’asotwee.


Na mewɔ awerɛhyɛmu sɛ, nea wahyɛ adwuma pa ase ho mu he bɛtoa soaa kosi sɛ obewie no Yesu Kristo da he mu.


Saa nti, m’adɔfoɔ, sɛnea hoyɔ setie ma me daa he, ɔnyɛ sɛ berɛ a meya ho nkyɛne nkoaa mu, na mmom seesei a menni ho nkyɛne titire he, homfa suro ne ahopopoɔ nyɔ hoaa ho nkwagyeɛ ho adwuma;


na ampa, hodɔ anuanom a bɛya Makedonia nyinaa. Nso adɔfoɔ, yɛhyɛ ho nkurane sɛ honkɔ so nyɔ ma no mmoro so.


Afei bɛ a bɛte saa he ne yɛhyɛ bɛ na yetu bɛ fo yɛ Awurade Yesu Kristo mu, sɛ bɛmfa bɛ nsa nyɔ komm mfa mpɛ bɛ ano aduane.


Afei anuanom, yɛhyɛ ho Awurade Yesu Kristo dini mu sɛ, hontwe ho ho mfiri nipa biaa a ɔnam basabasa, na onni nkyerɛkyerɛ a honyaa no yɛ nkyɛne he so.


Meetwerɛ saa krataa yi abra wo yi, mewɔ ahotɔsoɔ sɛ wobetie, na menim sɛ wobɛyɔ akyɛne nea meesrɛ wo yi mpo.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ