“Honnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Efiri sɛ, hoyi mmee ne nunum ne kumin mma ho ntotosoɔ du du, na hobu ho ani gu mmara he mu nnoɔma deɛ ohia kyɛne yeinom he so: atɛntenenee ne mmɔborɔhunu ne gyidie. Yeinom a ohia kɛseɛ he ne nka ɔsɛ sɛ hoyɔ berɛ a hommu ho ani ngu deɛ aka he nso so.
Na Yudafoɔ he ani bereeɛ, na bɛboaboa nsɛmmɔnefoɔ bi ano dwa so maa kuro he mu yɛɛ bagyabagya. Na bɛto hyɛɛ Yason fie so hwehwɛɛ sɛ bɛde bɛ bɛbra bɛ a bɛɛyɔ basabasa he.
Na sɛ nnipa anidasoɔ nti ne me ne bɛ a bɛ ani ɔdene sɛ wuram mmoa kõõ Efeso dea, abɛ mfasoɔ ne menya? Sɛ awufoɔ nsɔre a, “Homma yennidi na yɛnom, na kyena na yɛawu.”