12 Afei bɛ a bɛte saa he ne yɛhyɛ bɛ na yetu bɛ fo yɛ Awurade Yesu Kristo mu, sɛ bɛmfa bɛ nsa nyɔ komm mfa mpɛ bɛ ano aduane.
Ma yɛ aduane nnɛ nso, sɛnea wode ma yɛ daa he.
Korɔmfoɔ nyae korɔno bɔ; na mmom ɔmmɔ mmɔdene mfa ne nsa nyɔ adwuma pa, na woanya bibi de ama ahiafoɔ.
Deɛ otwa toɔ, anuanom, yɛsrɛ ho na yetu ho fo Awurade Yesu mu sɛ, hobesua sɛnea hobesi atena ase asɔ Nyankopɔn ani (sɛnea hooyɔ heaa), honkɔ so nyɔ no saa.
Honnyɛ gyegyeegye, honni ho fie asɛm, na homfa ho nsa nyɔ adwuma, sɛnea yɛahyɛ ho he,
na yɛanni biaa aduane berɛ a yɛantua ka; na mmom yɛyɔɔ adwuma, mmɔdemmɔ ne brɛ mu awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma ho mu biaa.
ahemfo ne nnipa a bɛwɔ diberɛ akɛseɛ nyinaa, na ama yɛabɔ ahobrɛaseɛ ne asomdwie bra, nyamesuro ne mudie nyinaa mu.