Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Tesalonikafoɔ 2:9 - Apam Foforɔ

9 Nso kwane a nea onni mmara so he nam so ba ne Satan nnwuma a ahoɔdenneɛ ne atorɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ nyinaa ka ho,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Tesalonikafoɔ 2:9
31 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na bɛde bi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ nifirani na ɔsane yɛ mum braa no; na ɔsaa no yadeɛ, na deɛ na nka ɔyɛ mum he kasaeɛ na ohuu adeɛ.


Na kristo-atorɔfoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bebree bɛba abɛyɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ, de adaadaa binom, sɛ ɔbɛyɛ yie a bɛ a bɛayi bɛ he mpo nka bɛbɛdadaa bɛ.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Firi hɔ, Satan! Na bɛatwerɛ sɛ: “Awurade wo Nyankopɔn nkoaa ne sɔre no, na ɔno nkoaa nso ne som no.”


Kristo atorɔfoɔ ne adiyifoɔ atorɔfoɔ bɛba na bɛayɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ, na sɛ obetumi a, nka bɛde adaadaa bɛ a bɛayi bɛ he.


Na ɔba a, obehu sɛ bɛaprapra mu kama de nnoɔma asiesie mu.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ho deɛ, hoanhu nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a honnye nni.”


Hoyɔ nea ho agya yɔ ampa.” Na bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛanwo yɛ adwamammɔ mu, yɛwɔ Agya baako, ɔno ne Nyankopɔn.”


Hofiri ho agya bronsam hɔ, na hopɛ sɛ hoyɔ ho Agya he apɛdeɛ. Ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nɔkorɛ he mu efiri sɛ nɔkorɛ nni ne mu. Sɛ odi torɔ a, ofiri ɔno ankasa ne mu ne ba, efiri sɛ ɔyɛ torɔfoɔ ne atorɔ agya.


kaa sɛ, “Wo, beema a asisie ahyɛ wo ma, Bronsam ba, a wotane tenenee nyinaa, wonnyae sɛ wokyea Awurade kwane a ɔtene he?


Na ɔnyɛ nwanwa! Satan mpo tumi yɛ ne ho sɛ hann bɔfoɔ.


Nso mesuro sɛ, ebia, sɛdeɛ wɔ he de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa he, saa ara nso ne bɛbɛdane ho adwene afiri Kristo mu ahofama mapa a owie pɛyɛ he.


Bɛ mu ne wiase nyame afira bɛ a bɛnnye nni he adwene ani, sɛ benhu asɛmpa he ho hann a ɔyɛ Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn subane he animuonyam.


na hote mu he mu, na hodii wiase yi su akyi, tumidie ne mpanyinnie a ɔya wiem, honhom a nnɛ ɔyɔ adwuma asoɔdenfoɔ mu, he nkwa.


Sɛnea Yane ne Yambrɛ ko tiaa Mose he, saa ara ne yeinom nso ne nɔkorɛ he di asie. Bɛyɛ nnipa a bɛ adwene aporɔ na bɛ gyidie nyɛ papa.


Saa nyansa yi mfiri soro, na mmom, ɔyɛ wiase nyansa a mfasoɔ biaa nni mu na ofiri ahonhommɔne.


Na tweaseɛ he bo fuu baa he, na okotuu n’asefoɔ nkaeɛ a bedi Nyankopɔn ahyɛdeɛ so na bekura Yesu adanseɛ he so sa.


Bɛtoo tweaseɛ kɛseɛ he tweneeɛ. Ɔno ne wɔ dadaa he a bɛfrɛ no Bronsam ne Satan he, ɔno ne daadaa wiase nyinaa he. Na bɛtoo no twenee asaase so a na n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho.


Kanea hann onhyerɛn ya ho mu bio. Na bɛnnte ayefokunu ne ayeforɔ nne ya ho mu bio. W’adwadifoɔ yɛ wiase mu nnipa titire. Na bɛde wo ntafowayie adaadaa amane nyinaa.


Bɛkyee aboa he ne ne diyifoɔ torɔfoɔ a ɔyɔɔ anwanwadeɛ n’anim he de no too afiase. Saa anwanwadeɛ he so ne ɔnam daadaa bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ agyinaeɛ ne bɛ a bɛsom aboa he honyini he. Bɛtoo aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he anikann guu gya tadeɛ a sɔfe ɔɔdɛre mu he mu.


Na bɛtoo Bronsam a ɔdaadaa bɛ he too gya ne sɔfe tadeɛ a bɛde aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he ato mu he mu. Na bɛbɛyɛ bɛ ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.


Bɛwɔ hene a odi bɛ so a ɔno ne bɔfoɔ a ɔhwɛ amena donkodonko he so. Ne dini ya Hebri kasa mu ne Abadon; na Hela kasa mu nso ɔde Apolion (a n’asekyerɛ ne “Sɛefoɔ”).


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ