Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Tesalonikafoɔ 2:10 - Apam Foforɔ

10 ɔne nnaadaa nsɛm ahodoɔ bebree a ɔya hɔ ma bɛ a bɛayera, efiri sɛ bɛammu nɔkorɛ dɔ he sɛ adeɛ a ɔsom bo na bɛanya nkwa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Tesalonikafoɔ 2:10
29 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Obuaa sɛ, “Ho deɛ bɛde ama ho sɛ honte ahintasɛm a ɔfa soro ahennie he ho ase, nso bɛ deɛ bɛmfa maa bɛ.


Na Nyankopɔn ansoma ne Ba he amma wiase sɛ ommebu wiase atɛne, na mmom sɛ bɛmfa no so nnye wiase nkwa.


na me deɛ, mennye adanseɛ nipa biaa nkyɛne, na meeka yeinom na hoanya nkwa.


Anuanom, m’akoma so adeɛ ne mpaeɛ a mebɔ kyerɛ Nyankopɔn ne sɛ ɔbɛgye me mane Israel nkwa.


efiri sɛ nnipa a bɛte saa he nsom yɛ Awurade Kristo, na mmom bɛsom bɛ a bɛ akɔnnɔ, na bɛde kɛtrɛma dɛ ne adɛfɛdɛfɛsɛm daadaa bɛ a bennim bɔne he akoma.


Nso yɛda Nyankopɔn ase sɛ, hoayɛ bɔne nkoa da, na hofiri akomam abɛyɛ setie ama nkyerɛkyerɛ a bɛde hyɛɛ ho nsa,


Na asennua he ho asɛm he yɛ nkwaseasɛm ma bɛ a bɛɛyera, na yɛ a bɛɛgye yɛ nkwa he deɛ, ɔyɛ Nyankopɔn tumi ma yɛ;


Sɛ bi mpɛ Awurade Yesu asɛm a, onnue! Yɛ Awurade bra!


Na saa nnipa yinom yɛ asomafoɔ atorɔfoɔ, adwumayɔfoɔ nnaadaafoɔ, bɛyɛ bɛ ho sɛ Kristo asomafoɔ.


Nti ɔnyɛ nwanwa sɛ n’asomafoɔ nso bɛyɛ bɛ ho sɛ nɔkorɛ asomafoɔ. Bɛ nnwuma ne bɛkyerɛ bɛ awieeɛ.


Na yɛte sɛ Kristo hwa ma Nyankopɔn ya bɛ a bɛɛgye bɛ ne bɛ a bɛɛyera mu;


Na yɛnte sɛ nnipa bebree a bɛnam ɔɔtɔno Nyankopɔn asɛm he, na mmom sɛ bɛ a beyi bɛ yam kasa, Nyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu ya Nyankopɔn anim.


sɛ ɔbɛyɛ a yɛnkɔ so nyɛ te sɛ mmɔfra a bedi akɔneaba, na nkyerɛkyerɛ biaa, te sɛ mframa a ɔnam nnipa mmradɛtoɔ so, ne torɔ ne nnaadaa akwane so, woso bɛ.


berɛ a besii yɛ kwane a yɛantumi ankasa ankyerɛ amanamane mufoɔ he na bɛanya nkwa. Nti ɔma bɛhyɛ bɛ bɔne ma berɛ nyinaa. Na afei deɛ n’abufuo aba bɛ so.


na bɛabu bɛ a bɛannye nɔkorɛ dɔ he anni na mmom bɛanni gyee nea ɔntene ho he atɛne.


Na yɛ deɛ, ho nti ɔsɛ sɛ yɛda Nyankopɔn ase daa, anuanom a Nyankopɔn dɔ ho, efiri sɛ Nyankopɔn firi mfitiaseɛ ayi ho kɔ nkwagyeɛ mu, efiri sɛ Nyankopɔn firi mfitiaseɛ yii ho kɔɔ nkwagyeɛ mu; ɔnam te a ɔde honhom he tee ho ho ne nɔkorɛ he mu gyidie ne gyee ho nkwa.


nea ɔpɛ sɛ biaa nya nkwa na ɔnya nɔkorɛ ho nimdeɛ he.


Nso hontutu ho ho fo, da biaa a bɛ bɔ dini sɛ “Nnɛ,” na bɔne a ɔyɛ nnaadaa biaa amma ho mu na amma biaa ampirim n’akoma.


Na yeinom deɛ, bɛte sɛ mmoa a benni adwene a bɛ su ne sɛ bɛawo bɛ sɛ bɛnkye bɛ nsɛe bɛ. Bɛka deɛ bennim ho nsɛmmɔne, bɛbɛfa bɛaa bɛ sɛeɛ kwane so akɔ sɛeɛ mu,


Na bɛkeka akokurokosɛm a mfasoɔ biaa nni so, na bɛnam honam akɔnnɔ ne ahohwie so to bɛ a afei ne bɛatete bɛ ho afiri nnebɔnyɛfoɔ ho he mmradɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ