Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Tesalonikafoɔ 2:1 - Apam Foforɔ

1 Afei anuanom ɔfa yɛ Awurade Yesu Kristo mmaeɛ ɔne yɛ ano a bɛbɛboa akɔ ne nkyɛne he ho he, yɛsrɛ ho sɛ,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Tesalonikafoɔ 2:1
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Na Nipa Ba he de n’abɔfoɔ bɛba n’Agya animuonyam mu, na obetua nipa biaa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, binom gyina ha a, bennwu kosi sɛ bebehu sɛ Nipa Ba he firi n’ahennie mu ɔɔba.”


Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama bɛde totorobɛnto nyegyeɛ a ano ɔdene aba; na bɛbɛboaboa bɛ a bɛayi bɛ he ano afiri wiase mframa nnan he mu, firi soro ano akosi ano.


Amane nyinaa bɛboaboa bɛ ano n’anim, na ɔbɛpaepae nnipa mu sɛ dwanhwɛfoɔ paepae nnwane firi mmirekyie mu,


Afei ɔbɛsoma abɔfoɔ he, na bɛakɔboaboa bɛ a bɛayi bɛ afiri atifi kɔpem anaafoɔ, apieeɛ kɔpem atɔeɛ, ofiri asaase ano de kosi soro ano.


Nti anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so ɔɔsrɛ ho sɛ, homfa ho nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɔte ase, a ɔyɛ kronkron a ɔsɔ Nyankopɔn ani. Yei ne nyamesom pa.


Yei ne nhyehyɛeɛ a ɔda hɔ sɛ berɛ pa mu he, ɔbɛka nnoɔma a ɔya soro ne nea ɔya asaase so nyinaa abom ne mu.


Na hwane ne yɛ anidasoɔ anaa anigyeɛ anaa ahohoahoa abotire yɛ Awurade Yesu Kristo anim ya ne ba he mu, ho nso, honni mu bi anaa?


Na ɔnhyɛ ho akoma dene kronkronyɛ mapa mu sɛ ho ho mma asɛm yɛ Nyankopɔn ne Agya he anim ya Awurade Yesu, ne ahoteefoɔ mmaeɛ he mu.


Deɛ otwa toɔ, anuanom, yɛsrɛ ho na yetu ho fo Awurade Yesu mu sɛ, hobesua sɛnea hobesi atena ase asɔ Nyankopɔn ani (sɛnea hooyɔ heaa), honkɔ so nyɔ no saa.


Anuanom, ɔsɛ sɛ yɛda Nyankopɔn ase ma ho da biaa, sɛnea ɔfata, efiri sɛ ho gyidie oonyini mmorosoɔ, na dɔ a hode dɔ ho ho ho ho he nso oonyini.


Afei mehyɛ wo Nyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛne n’ahoyie ne n’ahennie mu he anim sɛ:


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ