Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Tesalonikafoɔ 1:8 - Apam Foforɔ

8 na bɛatɔ bɛ a bennim Nyankopɔn na bɛantie yɛ Awurade Yesu ho asɛmpa he so werɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Tesalonikafoɔ 1:8
59 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na ɔbɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nsa benkum so he sɛ, ‘Ho a bɛadome ho, homfiri me so nkɔ daa gya a bɛasiesie ama Bronsam ne n’abɔfoɔ he mu;


Na yeinom befiri hɔ akɔ daa asotwe mu, na ateneneefoɔ he bɛkɔ daa nkwa mu.”


Na yei ne atemmuo he, sɛ hann he aba wiase na nnipa dɔ sum kyɛne hann he, efiri sɛ bɛ nnwuma yɛ bɔne.


Na bebisaa no sɛ, “W’Agya ya he?” Yesu buaa sɛ, “Honnim me, na honnim m’Agya nso; sɛ honim me a, nka honim m’Agya nso.”


Na Nyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛeɛ, na asuafoɔ he kɔɔ so yɛɛ dodo ya Yerusalem, na Yudafoɔ som he mu asɔfoɔ mu pii gyee asɛm he diiɛ.


Na esiane sɛ bɛammu Nyankopɔn nti, Nyankopɔn gyae bɛ maa adwene a ɔmfata na bɛyɔɔ nnoɔma hunu a ɔnsɛ sɛ bɛyɔ koraa.


Ɔno so ne yɛnam anya adom ne somafodwuma sɛ yɛde setie mu gyidie ɔɔbra Amanamane mufoɔ nyinaa ne dini nti,


Nso nyɛ bɛ nyinaa ne bɛayɔ setie ama asɛmpa he; efiri sɛ Yesaia dɛ, “Awurade, hwane ne agye yɛ asɛm adi?”


Nti menhyɛ me ho nka asɛm biaa gye nea Kristo nam me so ayɔ ama Amanamane mufoɔ setie ya asɛm ne adwuma mu


nso afei deɛ bɛayi no adi, na ɔnam adiyifoɔ ntwerɛe so a bɛama Amanamane mufoɔ bɛahu, sɛnea daa daa Nyankopɔn hyɛeɛ he, sɛ ɔde setie a ɔkɔ gyidie mu—


Honnim sɛ nea hode ho ho ma no na hotie no sɛ nkoa he, hoyɛ ne nkoa, sɛ bɔne a ɔkɔ wuom, anaa setie a ɔkɔ tenenee mu?


Homma ho ani nna hɔ, na honnyɔ bɔne; na binom nnim Nyankopɔn. Meka yei de hyɛ ho aniwuo.


ne bibiaa a ɔsõ a bɛama so atia Nyankopɔn nimdeɛ, na yɛafa adwene nyinaa nommum de ahyɛ Kristo asoɔmmerɛ ase.


O, Galatifoɔ a hoyɛ adwenharefoɔ! Hwane ne adaadaa ho saa. Ho ampa ara a bɛde Yesu Kristo a bɛbɔɔ no asennuam agyina ho anim akyerɛ pefee paa di!


Kane he a na honnim Nyankopɔn he, hosomm ahonhom a bɛnyɛ Nyame kann he sɛ nkoa.


ɔnyɛ akɔnnɔ anibereɛ mu sɛ Amanamane mufoɔ a bennim Nyankopɔn he;


na mmom atemmuo a ohu akwanhwɛ, ne abufuo gya a ɔbɛhye Nyankopɔn atamfoɔ pasaa he ne ya hɔ ma yɛ.


Na yenim deɛ ɔkaa sɛ “Mene metɔ werɛ, metua ka.” Na ɔkaa bio sɛ, “Awurade bebu ne mane atɛne.”


Gyidie nti ne bɛfrɛɛ Abraham sɛ ontu nkɔ baabi a daakye bɛde bɛ ma no sɛ n’agyapadeɛ he, ɔyɔɔ setie kɔeɛ berɛ a na onnim baabi a na ɔɔkɔ he.


efiri sɛ, yɛ Nyankopɔn te sɛ gya a ɔdɛre.


sɛ yɛpo nkwagyeɛ kɛseɛ yi a, nti yebetumi adwane afiri atemmuo mu anaa? Saa asɛm yi ne Awurade firii aseɛ kaeɛ he. Na bɛ a bɛteeɛ he hyɛɛ mu kena maa yɛ,


na owiee pɛyɛ he, ɔbɛyɛɛ daa nkwa farebae maa bɛ a bɛyɛ setie ma no he nyinaa,


Ɔnam Agya Nyankopɔn botaeɛ so ne beyii ho, na ɔnam ne Honhom so tee ho ho sɛ honyɔ setie mma Yesu Kristo na ɔnam so ama ne mogyaa he ate ho ho. Adom ne asomdwie mmorosoɔ nka ho.


Sara yɔɔ saa. Ɔyɔɔ setie maa Abraham, na ɔfrɛɛ no “Me wura.” Sɛ hoyɔ papa na hommma bibiaa mmɔ ho hu a, hedeɛ na seesei hoyɛ ne mmamaa.


Na berɛ aduru sɛ bebu atɛne, na Nyankopɔn nkurofoɔ ne bebedi kane abu bɛ atɛne. Na sɛ befiti aseɛ ya yɛ so a, mmɛ kwane so ne ɔbɛfa akɔ bɛ a bɛnnye Asɛmpa a ofiri Nyankopɔn nkyɛne he nni he nkyɛne?


Nso soro ne asaase a ɔya hɔ seesei yi deɛ, bɛnam Nyankopɔn asɛm heaa so ɔɔkora ama gya asɛe no. Bɛɛkora ama da a bebebu nnebɔnyɛfoɔ atɛne na bɛasɛe bɛ he.


Saa ara ne Sodom ne Gomora ne nkuro a atwa bɛ ho ahyia a bɛyɔɔ sɛ yeinom, de bɛ ho maa adwamammɔfoɔ, na bekodii honam akɔnnɔ akyi a na ɔnyɛ ne kwane so, na bɛde daa gya twee bɛ aso de ayɔ nsɛnnahɔ ama yɛ.


Na bɛtoo Bronsam a ɔdaadaa bɛ he too gya ne sɔfe tadeɛ a bɛde aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he ato mu he mu. Na bɛbɛyɛ bɛ ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.


Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”


Bɛde nne a ano ɔdene kaa sɛ, “O Awurade Tumfoɔ, kronkronni ne nɔkwafoɔ! Wobɛtwentwɛne wo nane ase akosi da bɛ na woabu atɛne atua nnipa a bɛya asaase so ka yɛ mogyaa ho?”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ