Na afei Paulo ne Barnaba kasaa akokoɔduro so sɛ, “Na ohia sɛ yɛka Nyankopɔn asɛm kyerɛ ho kane. Na ɔnam sɛ hoapo asɛm he na hobu ho ho sɛ homfata daa nkwa he nti, yɛde asɛm he ɔɔkɔ Amanamane mufoɔ hɔ.
Nso w’akoma pirim ɔne sesa a wompɛ sɛ wosesa nti, wooboaboa Nyankopɔn abufuo ano ama wo ho ama abufuo da he, berɛ a Nyankopɔn atemmuo a ɔtene he beyi ne ho adi;
na sɛ yɛyɛ mma a, hedeɛ yedi adeɛ nso, yɛyɛ Nyankopɔn adedifoɔ, na yɛ ne Kristo bom di adeɛ; nɔkwasɛm ne sɛ, yɛ ne no hu amaneɛ a, saa ara nso ne bɛbɛhyɛ yɛne no animuonyam abom.
na ho atamfoɔ antumi anhunahuna ho bibiaa mu. Na bɛ deɛ, yei yɛ bɛ sɛeɛ ho nsɛnkyerɛnne pefee, na ho deɛ, ɔyɛ ho nkwagyeɛ ho nsɛnkyerɛnne. Na yei deɛ ɔyɛ Nyankopɔn nsa ano adwuma,
Na anuanom, hosuasuaa Nyankopɔn asafo a ɔya Yudea he ya Kristo Yesu mu, efiri sɛ hohu amane korɔ heaa ho nkurofoɔ nsam sɛnea behuiɛ ya Yudafoɔ nsam he,
Awurade, hwane na oonsuro wo na ɔɔnhyɛ wo dini animuonyam? Efiri sɛ wo nkoaa ne woyɛ kronkron, na amane nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, efiri sɛ w’atɛne tenenee ada adi.
“Nso ho mu kakraa bi a bɛya Sardi he mfaa wiase nkekaeɛ nkekaa bɛ ntaadeɛ mu. Na bɛ ne me bɛnante berɛ a bɛhyɛ ntaade fitaa, efiri sɛ, bɛfata sɛ bɛyɔ saa.