1 Paulo, Silwano ne Timoteo, twerɛ krataa yi de kɔma Tesalonikafoɔ asafo a ɔya yɛ Agya Nyankopɔn ɔne Awurade Yesu Kristo mu.
Afei asomafoɔ he ne mpanyimfoɔ he ne asafo mu he nyinaa hu sɛ ɔyɛ sɛ beyi bɛ mu binom ka Paulo ne Barnaba ho ma bɛkɔ Antiokia. Bɛ a beyii bɛ he ne Yuda a bɛfrɛ no Barsaba ne Silas, mmeema a na bɛyɛ akannifoɔ anuanom he mu.
Paulo kɔɔ Derbe ne Listra, baabi a na suani bi a bɛfrɛ no Timoteo a na ne maame yɛ Yudani na ne papa nso yɛ Helani ya.
Afei Paulo ne Silas kɔfaa Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika, baabi a na Yudafoɔ hyiadane bi ya he.
Na Nyankopɔn ba he, Yesu Kristo a me ne Silwano ne Timoteo ka n’asɛm he, wanyɛ ano ntanta bibiaa ho, efiri sɛ ɔyɛ nɔkwafoɔ.