Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 9:2 - Apam Foforɔ

2 efiri sɛ menim ho mmɔdene a hobɔ a mede hoahoa me ho kyerɛ Makedoniafoɔ, sɛ Akaiafoɔ asiesie bɛ ho afe di; na ho ahokeka he akanyane bɛ mu bebree.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 9:2
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Afei berɛ a Galio yɛ Akaia amrado he, Yudafoɔ he yɛɛ baako sɔre tiaa Paulo de no kɔɔ atemmuo adwa he anim


Nti mekokyinkyinii Amaneamane mu mfie kakra he, mesane baa Yerusalem de adɔeyɛdeɛ ne ayɛyɛdeɛ braa me mane.


na aasɔ Makedonia ne Akaia ani sɛ bɛde nea bɛwɔ he bi bɛma ahoteefoɔ a bɛya Yerusalem he mu ahiafoɔ.


Afei anuanom, honim sɛ Stefano fiefoɔ ne nnipa a bedii kane de bɛ ho maa asɛmpa he ya Akaia, na bɛde bɛ ho ama ahoteefoɔ som he.


Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so ne bɛayi no sɛ Kristo Yesu somafoɔ, ɔne yɛ nua Timoteo, twerɛ krataa yi de kɔma Nyankopɔn asafo a bɛya Korinto ɔne ahoteefoɔ nyinaa a bɛya Akaia mane nyinaa mu.


Na sɛ mede ho hoahoa me ho kyerɛ no a, m’ani nwu, na mmom sɛnea yɛkaa ho nsɛm nyinaa nɔkorem he, saa ara nso ne yɛ ahohoa a yɛhoahoa yɛ ho Tito anim he nso ada adi sɛ ɔyɛ nɔkorɛ.


Mede ho hoahoa me ho, mewɔ ahotɔsoɔ pii ya ho mu; awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma; na m’ani gye boro so yɛ ahohia nyinaa mu mpo.


Na m’adwenekyerɛ fa ho ne sɛ, ɔfata sɛ afei howie deɛ afe di hohyɛɛ aseɛ na honyaa pɛ sɛ hobɛyɔ he—


nti afei honnwie ne yɔ, na ama sɛnea honyaa pɛ sɛ hobɛyɔ he, hoafiri nea howɔ he mu awie no saa.


na ɔnyɛ yei nko, na ɔno ne asafo he ayi no sɛ ɔne yɛ nnante nkura adom adwuma he mu mma Awurade ankasa animuonyam na ɔnna yɛ pɛ pa he adi.


Nti honna ho dɔ a yɛde hoahoa yɛ ho he nkyerɛ bɛ a bɛya asafo ahodoɔ he anim.


Menka yei nhyɛsoɔ so, na mmom menam binom mmɔdenmmɔ so ɔɔsɔ ho dɔ ahwɛ.


saa nti, hobɛyɛɛ nhwɛsoɔ maa agyidifoɔ a bɛya Makedonia ne Akaia nyinaa,


Na homma yɛnhwɛ sɛ yɛbɛkanyane yɛ ho yɛ ho na yɛadodɔ yɛ ho yɛ ho; na yɛmfa nnwuma pa nsom yɛ ho yɛ ho,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ