13 Esiane som yi ho adanseɛ nti, bɛhyɛ Nyankopɔn animuonyam ho setie a hode ka Kristo asɛmpa he nti, na afei ho yi ho yam yi ntoboa de kɔma bɛ ne nnipa nyinaa,
Na behunahunaa bɛ bio he, begyae bɛ esiane sɛ bɛannya bibiaa a bebegyina so atwe bɛ aso ɔnam nkurofoɔ he nti, efiri sɛ, na nkurofoɔ he nyinaa ɔɔhyɛ Nyankopɔn animuonyam ya nea asi he ho.
Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.
Sɛ bi ɔɔka asɛm a ɔnka Nyankopɔn asɛm. Biaa a ɔsom he, mfa ahoɔdene a Nyankopɔn de ma no he nsom sɛnea bibiaa mu, bɛbɛfa Yesu Kristo so ahyɛ Nyankopɔn a animuonyam ne tumi wɔ no daadaa he animuonyam. Amen!