Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 8:9 - Apam Foforɔ

9 Na honim yɛ Awurade Yesu Kristo adom he, sɛ na ɔde ne ho adeɛ nyinaa mu deɛ, nso ho nti ɔgyaee ne nyinaa too hɔ, na ama ho abɛyɛ adefoɔ nnoɔma nyinaa mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 8:9
43 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nso sɛdeɛ ɔbɛyɔ na yɛnnto sintidua nti, kɔ po so koto doraa; na adwene a wobedi kane ayi no he bie n’anum a, na wobehu dwetɛ; fa kɔma bɛ sɛ me ne wo toɔ.”


sɛdeɛ Nipa Ba he nso amma sɛ bɛnsom no na mmom ɔbɛsomeɛ na ɔde ne nkwa ayɛ agyedeɛ ama nipa bebree he.”


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakramane wɔ bɔno, na nnomaa a bɛya wiem wɔ pirebuo; nso Nipa Ba he deɛ onni baabi a ɔde ne ti bɛto mpo.”


Aa! Ɔnyɛ yei ne dua dwumfoɔ he, Maria ba ne Yakubu ne Yose ne Yuda ne Simon nua he, na ne nua mmaa nni yɛ nkyɛne ha?” Na bɛde abufuo buu no animtia.


Nti sɛ hoanni nɔkorɛ ahonyadeɛ a ɔntene mu a, hwane ne de ahonyadeɛ pa bɛhyɛ ho nsa?


Na ɔwoo n’abakane beema, na ɔde ntoma kyekyeree ne ho de no too mmoa adididaka mu, efiri sɛ bɛannya kwane ahɔhodane he mu.


ne Herode fie so panyini Kusa yerɛ Yohana, ne Susana ne mmaa foforɔ bebree nso ka ne ho; na bɛde bɛ ahodeɛ bi somm no.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakramane wɔ bɔno, na wiem nnomaa wɔ pirebuo, nso Nipa Ba he nni baabi a ɔde ne ti bɛto.”


Na ɔya wiase deɛ, na ɔnam ne so ne bɛbɔɔ wiase, nso wiase anhu no.


Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma.


Mmara he deɛ, bɛnam Mose so ne de maeɛ, na adom ne nɔkorɛ he deɛ nam Yesu Kristo so ne baeɛ.


Yesu kaa sɛ, “Ɔnyɛ me nti ne nne yi baeɛ, na mmom ho ntia.


Nea Agya he wɔ nyinaa yɛ me dea. Saa nti ne mekaa sɛ nɔkorɛ Honhom he bɛfa nea ɔyɛ me deɛ na wapaem aka akyerɛ ho he.


Meyɔɔ me kronkron maa bɛ, na bɛ nso bɛ ho ate nɔkorɛ mu.


Na afei sɛ bɛ sintiduatoɔ he kyerɛ wiase ahonya a, na sɛ bɛ nkoguo de ahonya maa Amanamane mufoɔ a, hedeɛ na gye a bɛbɛgye bɛ atom he bɛboro so!


efiri sɛ Kristo ammɛsɔ ɔnoaa ankasa ani; na mmom, sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Atɛm a bedii wo he abegu me so.”


Nso Nyankopɔn daa ne dɔ adi kyerɛɛ yɛ sɛ yɛda so yɛ nnebɔnyɛfoɔ he, Kristo wu maa yɛ.


Nea wamfa ɔno ankasa ne Ba ankame yɛ na ɔde no maa yɛ nyinaa he, ɔmmfa nnoɔma nyinaa nka ne (Ba he) ho mma yɛ kwa anaa?


Meda me Nyankopɔn ase daa ma ho esiane Nyankopɔn adom a ɔde ama ho Yesu Kristo mu,


Nipa a odi kane he firi fam, ɔyɛ famni, nipa a ɔtɔ so mmienu he firi soro


Awurade Yesu Kristo adom, Nyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka ho nyinaa.


sɛ nnipa a beedi awerɛhoɔ, nso yɛ ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nso yɛma nnipa bebree nya bɛ ho; sɛ nnipa a benni hwee nso yɛwɔ nnoɔma nyinaa.


sɛnea ɔbɛyɔ a mmerɛ a ɔɔba he mu ɔnam n’ayamyɛ so bɛda n’adom mmorosoɔ a mu nni hwehwɛbea he adi akyerɛ yɛ Kristo Yesu mu.


na hoahu Kristo dɔ a ɔtra nimdeɛ nyinaa so, sɛnea ɔbɛyɛ a hobɛyɛ ma Nyankopɔn su nyinaa mu.


Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.


Afei ho nti, m’ani gye m’ahohiahia mu, efiri sɛ, me honam mu amanehunu he da Kristo amanehunu he adi, ɔnam ne nipadua ne asafo he nti.


Ɔsɛ sɛ bɛyɔ papa, na bennya bɛ ho nnwuma pa fam; bɛ nsɛm ngo na bɛnkyɛ adeɛ fɛ so,


na nna a odi akyire yi mu deɛ, ɔnam ne Ba a waayi no asi hɔ sɛ nnoɔma nyinaa so diadeɛ, na ɔnam ne so bɔɔ nnoɔma nyinaa he so, akasa akyerɛ yɛ.


Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?


“Menim amaneɛ a wohu maa Awurade na menim wo hia nso, nso woyɛ defoɔ honhom mu. Menim nsɛm a bɛ a bɛka sɛ bɛyɛ Yudafoɔ, nso bɛnyɛ Yudafoɔ he ka tia wo. Bɛyɛ Satan apamfoɔ.


Biaa a obedi nkunim he benya yei afiri me nkyɛne. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba.


Nti metu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ a bɛabere ho gya mu, firi me nkyɛne sɛnea ɔbɛma woayɛ defoɔ. Afei tɔ ntaadeɛ fitaa hyɛ fa kata w’adagya a ama w’anim agu ase he so. Afei tɔ aniduro sra w’ani so sɛnea wobehu adeɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ