Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 8:4 - Apam Foforɔ

4 Na bɛkoto srɛɛ yɛ anibereɛ so sɛ yɛmma bɛ ho kwane na bɛ nso bɛmfa nea bɛwɔ nsom ahoteefoɔ he bi—

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 8:4
27 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na deɛ ɔbɛma nkumaa yi bi nsuo nnwunu kuruwaa baako mpo he suani dini mu he, nɔkwasɛm ne sɛ n’akatua ɔmmɔ no da.”


Na biaa a ɔyɔ m’Agya a ɔya soro he apɛdeɛ he ɔno ne yɛ me nuabeema, me nuabaa ne me maame.”


Na hene bebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoyɔ maa me nuanom nkumaa yi mu baako he, hoayɔ ama me nso.’


Na ahiafoɔ deɛ bɛya ho nkyɛne daa, na hobetumi ayɔ bɛ papa berɛ biaa a hopɛ, na me deɛ menntena ho nkyɛne daa.


Nti asuafoɔ he nyinaa bɔɔ bɛ adwene pɔ sɛ bɛde nnoɔma biaa bebetumi ayi bɛkɔ akɔsom agyidifoɔ a bɛya Yudea he,


Afei berɛ a yɛbɔɔ ɔne ne fiefoɔ asu he, ɔde nkotosrɛ kaa sɛ, “Sɛ hoahu me sɛ nɔkwafoɔ ama Awurade a, hommɛtena me fie.” Na ɔkaeɛaa ma yɛkɔɔ ne fie.


Nti mekokyinkyinii Amaneamane mu mfie kakra he, mesane baa Yerusalem de adɔeyɛdeɛ ne ayɛyɛdeɛ braa me mane.


sɛ bɛbɛgye me afiri Yudeafoɔ a bɛnnye asɛmpa he nni he nsam, na me som a mɛsom Yerusalem he asɔ ahoteefoɔ he ani,


Na afei ɔfa toɔ a bɛgye ma ahoteefoɔ he ho deɛ, honni nhyehyɛeɛ a mede maa Galatia asafo ahodoɔ he.


Afei anuanom, honim sɛ Stefano fiefoɔ ne nnipa a bedii kane de bɛ ho maa asɛmpa he ya Akaia, na bɛde bɛ ho ama ahoteefoɔ som he.


Na afei, ɔfa som a hode som ahoteefoɔ he ho deɛ, onhia sɛ mɛtwerɛ ho asɛm abra ho,


Adeɛ baako pɛ ne bɛsrɛeɛ, sɛ yɛbɛkae ahiafoɔ, adeɛ a na ɔda m’akoma so sɛ mɛyɔ.


Ne saa nti, akwannya biaa a yebenya he, homma yɛnyɔ nnipa nyinaa papa, ne titire bɛ a bɛka agyidifoɔ abusua ho he.


ɔsɛ sɛ bedi ne ho adanse-pa, sɛ ɔyɛ bi a watete mmɔfra, ayɔ ahɔhoyɛ, asom agyidifoɔ he ahobrɛaseɛ mu (ahohoro ahoteefoɔ he nane ase), aboa bɛ a bɛwɔ amaneɛ mu, na ɔde ne ho ama papayɔ adeɛ nyinaa mu.


Nyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene; na ommu n’ani ngu nwuma pa a ho yɔ ne dɔ a ɔno nti ho da no adi ya ahoteefoɔ som ho, na hogu so yɔ he ho.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ