na Sebedeo mma Yakobo ne Yohane, a bɛyɛ Simon yɔnko adwumayɔfoɔ he nso ho dwirii bɛ. Nso Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ, “Nsuro, efiri saa berɛ yi ɔɔkɔ yi, wobeyi nnipa.”
Mesrɛɛ Tito, na memaa ɔne onua baako baa ho nkyɛne. Tito ba besisii ho anaa? Ɔnyɛ Honhom baako heaa mu ne yɛnanteeɛ? Ɔnyɛ anammɔno baako mu ne yetiaeɛ?
Na yɛasoma yɛ nua a yɛasɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ nnoɔma bebree mu he aka bɛ ho, na afei awerɛhyɛmu a ɔwɔ no ho mu nti, ɔma ne mmɔdemmɔ a ɔbɔ seesei he boro so.
Ne nyinaa akyi, mesusuu sɛ, ohia sɛ mesoma Epafrodito, me nua ne me yɔnko dwumayɔni ne me yɔnko sraani a ɔyɛ ho somafoɔ ne somfo ma me he ma no ba ho nkyɛne,
Afei nso, mesrɛ wo, me yɔnko dwumayɔni, sɛ boa saa mmaa yi, na bɛaberɛ me ho asɛmpa adwuma he mu, bɛ ne Klemens ne me yɔnkonom adwumayɔfoɔ dodoɔ a bɛ dini ya nkwa nwoma mu he.
na ɔyam sɛ yedii kane huu amane na beguu yɛ anim ase ya Filipi deɛ, nso sɛdeɛ honim he, yenyaa akokoɔduro ya yɛ Nyankopɔn mu paee mu kaa Nyankopɔn asɛmpa, ɔmfa ho ne sɔretia kɛseɛ a ɔbaa yɛ so he mpo.