Yei ne deɛ yɛde hoahoa yɛ ho a ahonim di ho adanseɛ, sɛ kronkronyɛ ne nɔkorɛdie a ofiri Nyankopɔn mu, a ɔnyɛ nipa nyansa, na mmom Nyankopɔn adom, na yɛde abɔ yɛ bra wiase, ne titire he kwane a yɛfaa so ne ho diiɛ he mu.
Esiane som yi ho adanseɛ nti, bɛhyɛ Nyankopɔn animuonyam ho setie a hode ka Kristo asɛmpa he nti, na afei ho yi ho yam yi ntoboa de kɔma bɛ ne nnipa nyinaa,
Na anuanom, hosuasuaa Nyankopɔn asafo a ɔya Yudea he ya Kristo Yesu mu, efiri sɛ hohu amane korɔ heaa ho nkurofoɔ nsam sɛnea behuiɛ ya Yudafoɔ nsam he,
Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?
“Menim amaneɛ a wohu maa Awurade na menim wo hia nso, nso woyɛ defoɔ honhom mu. Menim nsɛm a bɛ a bɛka sɛ bɛyɛ Yudafoɔ, nso bɛnyɛ Yudafoɔ he ka tia wo. Bɛyɛ Satan apamfoɔ.