10 Na m’adwenekyerɛ fa ho ne sɛ, ɔfata sɛ afei howie deɛ afe di hohyɛɛ aseɛ na honyaa pɛ sɛ hobɛyɔ he—
na deɛ ɔbɛma nkumaa yi bi nsuo nnwunu kuruwaa baako mpo he suani dini mu he, nɔkwasɛm ne sɛ n’akatua ɔmmɔ no da.”
na honnwene nso sɛ ɔyɛ ma ho sɛ nipa baako bewu ama manfoɔ na mane mũ he nyinaa ansɛe.”
Nso meeka nɔkorɛ akyerɛ ho sɛ, ɔyɛ ma ho sɛ mɛkɔ, efiri sɛ, sɛ mankɔ a, Kyigyinafoɔ he ɔmma ho nkyɛne. Na sɛ mekɔ a, mɛsoma no ama no aba ho nkyɛne.
Kaiafa yɛ bi a otuu Yudafoɔ he fo sɛ ɔyɛ sɛ nipa baako bewu ama mane he.
“Yɛwɔ nnoɔma nyinaa ho kwane deɛ,” nso ɔnyɛ ne nyinaa ne mfasoɔ ya so ma yɛ. “Yɛwɔ nnoɔma nyinaa ho kwane deɛ,” nso ɔnyɛ ne nyinaa ne ma nkɔsoɔ.
Nnawɔtwe he mu da a odi kane biaa he, ho mu biaa nhwɛ deɛ wanya na onyi bibi nsie na ho mmoaboa ano, na amma sɛ berɛ a hobehu me hɔ he afei ne hoobɛgyegye ntoboa he.
“Mewɔ adeɛ nyinaa ho kwane deɛ,” nso ɔnyɛ ne nyinaa ne fata. “Mewɔ adeɛ nyinaa ho kwane deɛ,” nso memma bibiaa mfa me nommum.
Afei ɔfa mmabunu ho he, Awurade mmaa me ahyɛdeɛ biaa, nso meeka m’adwene sɛ bi a Awurade mmɔborɔhunu nti ɔyɛ nɔkwafoɔ.
Na mesusu sɛ ɔbɛyɛ nhyira sɛ ɔbɛtena ase. Na menim nso sɛ, mewɔ Nyankopɔn honhom.
Ɔsɛ sɛ mehoahoa me ho, nso mfasoɔ biaa nni so, nti mɛka Awurade anisoadehunu ne adiyie ho asɛm.
na ama yɛasrɛ Tito sɛ, sɛnea na wahyɛ aseɛ sɛ ɔyɔɔ he, onwie saa adom adwuma he ho mu.
Menka yei nhyɛsoɔ so, na mmom menam binom mmɔdenmmɔ so ɔɔsɔ ho dɔ ahwɛ.
efiri sɛ menim ho mmɔdene a hobɔ a mede hoahoa me ho kyerɛ Makedoniafoɔ, sɛ Akaiafoɔ asiesie bɛ ho afe di; na ho ahokeka he akanyane bɛ mu bebree.
Ɔnyɛ sɛ na mehia akyɛdeɛ he, na mmom mehwehwɛ aba deɛ ɔbɛma ho nkonta adɔɔso.
Hommmu ho ani ngu papayɔ ne adekyɛ so, efiri sɛ, saa afɔreɛ he sɔ Nyankopɔn ani.