Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 8:1 - Apam Foforɔ

1 Nti anuanom yɛpɛ sɛ hohu Nyankopɔn adom a ɔde adom Makedonia asafo ahodoɔ he;

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 8:1
15 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na nea ɔnyaa sika dwetire mmɔho mmienu he so baeɛ, bɛkaa sɛ, ‘Owura, womaa me sika dwetire mmɔho mmienu; hwɛ manya mmɔho mmienu aka ho.’


Berɛ a oduruu hɔ na ohuu Nyankopɔn adom he, odii ahurusie na ofiri aseɛ hyɛɛ bɛ nyinaa nkurane sɛ bɛnkɔ so mfa akoma a onhinhim ntena Awurade mu daa.


Anadwo he Paulo nyaa anisoadehunu sɛ, Makedoniani bi gyina hɔ ɔɔserɛ no sɛ, “Bra Makedonia na bɛboa yɛ.”


Nti mekokyinkyinii Amaneamane mu mfie kakra he, mesane baa Yerusalem de adɔeyɛdeɛ ne ayɛyɛdeɛ braa me mane.


na aasɔ Makedonia ne Akaia ani sɛ bɛde nea bɛwɔ he bi bɛma ahoteefoɔ a bɛya Yerusalem he mu ahiafoɔ.


Nso Nyankopɔn adom nti ne mete sɛdeɛ meteɛ yi, na n’adom a ɔya me so he nyɛ kwa. Mmom meyɛ adwuma sene bɛ nyinaa— ɔyam sɛ na ɔnyɛ me deɛ, na mmom sɛdeɛ Nyankopɔn adom a ɔte me mu he teɛ.


Na meya ho nkyɛne he a bibi hia me he, manyɛ adesoa amma biaa, efiri sɛ, anuanom a bɛya Makedonia de m’ahiadeɛ nyinaa maa me. Nɔkorem, manyɛ ho so adesoa bibiaa mu na mɛhwɛ sɛ menyɛ saa nso.


efiri sɛ, som yi ho adwuma ma ahoteefoɔ nya nea ohia bɛ, na ɔsane nso de aseda mmorosoɔ bra Nyankopɔn.


efiri sɛ menim ho mmɔdene a hobɔ a mede hoahoa me ho kyerɛ Makedoniafoɔ, sɛ Akaiafoɔ asiesie bɛ ho afe di; na ho ahokeka he akanyane bɛ mu bebree.


anyɛ saa na Makedoniafoɔ he bi ne me ba behu sɛ honsiesie ho ho a, yɛ anim begu ase (ɔnyɛ ho mmom) sɛ yɛde yɛ ho too ho so nti.


Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.


Yei nti ne mepre de m’ahoɔdene nyinaa yɔ adwuma sɛnea n’ahoɔdene kanyane me he.


na ampa, hodɔ anuanom a bɛya Makedonia nyinaa. Nso adɔfoɔ, yɛhyɛ ho nkurane sɛ honkɔ so nyɔ ma no mmoro so.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ