Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 7:9 - Apam Foforɔ

9 Medi ahurusie seesei, na ɔnyɛ sɛ ho werɛ hoeɛ he ntia, na mmom sɛ ho awerɛhodie he de adwensakra baeɛ ntia; efiri sɛ ho werɛ hoo Nyankopɔn kwane so, na yɛ mu bi anha ho kwane biaa so.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 7:9
18 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nti, meeka akyerɛ ho sɛ, Nyankopɔn abɔfoɔ anigye debɔneyɛni baako a wasakra ho.”


nso ɔsɛ sɛ yɛma yɛ ani gye na yedi ahurusie, efiri sɛ wo nua yi wuiɛ na waaba nkwa mu bio, ɔyeraeɛ na yɛahu no.’ ”


Nti meeka akyerɛ ho sɛ anigye pii bɛba soro debɔneyɛfoɔ baako a wasakra ho kyɛne ateneneefoɔ aduɔkron nkron a benhia adwensakra.


Na mmom medii Nyankopɔn fam adwensakra ne yɛ Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa.


Yei ne deɛ yɛde hoahoa yɛ ho a ahonim di ho adanseɛ, sɛ kronkronyɛ ne nɔkorɛdie a ofiri Nyankopɔn mu, a ɔnyɛ nipa nyansa, na mmom Nyankopɔn adom, na yɛde abɔ yɛ bra wiase, ne titire he kwane a yɛfaa so ne ho diiɛ he mu.


Yɛyɛ wuo hwa ma bɛ a bɛɛyera, na yɛyɛ nkwa hwa ma bɛ a bɛɛkɔ nkwa mu. Hwane ne fata yeinom?


Na sɛ me krataa he maa ho werɛ hoeɛ mpo a, mennuu me ho (ɔyam sɛ ɔhaa me deɛ, efiri sɛ mehuu sɛ krataa he maa ho werɛ hoeɛ deɛ, nso na ɔyɛ bere tiaa bi mu)


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ