5 Na yɛbaa Makedonia he, yɛannya homee biaa, nso yɛ ho hiahiaa yɛ kwane nyinaa mu—akasakasaa atwa yɛ ho ahyia na hu ahyɛ yɛ ma.
Na afei basabasa he ano berɛ ase he, Paulo soma ma bɛkɔfrɛɛ asuafoɔ he, na ɔhyɛɛ bɛ nkurane gyaa bɛ kwane he, ogyaa bɛ hɔ kɔɔ Makedonia.
na aasɔ Makedonia ne Akaia ani sɛ bɛde nea bɛwɔ he bi bɛma ahoteefoɔ a bɛya Yerusalem he mu ahiafoɔ.
Mewu da biaa! Anuanom, sɛ mehoahoa meho ho mu a mehoahoa me ho ya yɛ wura Kristo Yesu mu.
Mɛba honkyɛne berɛ a makɔfa Makedonia efiri sɛ mɛfa Makedonia.
Nso m’aso mu annwo me, efiri sɛ, manhu me nua Tito hɔ. Nti mekraa bɛ; na mefirii hɔ kɔɔ Makedonia.
Na metwerɛɛ asɛm yiaa braa ho, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a sɛ meba a, bɛ a ɔsɛ sɛ bɛma m’ani gye he mma me werɛ ɔnho; efiri sɛ mewɔ ho nyinaa mu awerɛhyɛmu, sɛ m’anigyeɛ bɛyɛ ho nyinaa anigyeɛ.
Yei nti ne metwerɛɛ saa krataa yi, sɛ meesɔ ho ahwɛ na mahu sɛ hoyɔ setie nnoɔma nyinaa mu anaa.
Mesuro ma ho sɛ ebia adwuma a mayɔ ama ho he ayɛ kwa.
Yei nti me nso, mesɔ mu a na ɔnsɔ bio he, mesomaeɛ, na mahu ho gyidie mu, na amma sɛ ebia sɔhwɛfoɔ he asɔ ho ahwɛ, ama yɛ mmɔdenmmɔ adwuma he ayɛ kwa.