15 Na hoda n’akoma so paa, na ɔkae ho nyinaa setie ɔne sɛnea hode suro ne ahopopoɔ gyee no he.
Sɛ baa ɔɔwo a, ɔte yeyaa efiri sɛ ne berɛ aduru. Na sɛ ɔwo ne ba he a, ɔnkae ne yeyaa he bio esiane anigyeɛ a wanya sɛ wawo nipa aba wiase nti.
Na ɔkɔgyee kanea di mmirika bɔ wuraa hɔ, na ɔde ahopopoɔ hwee Paulo ne Silas anim.
Na mebaa ho nkyɛne mmerɛyɛ ne suro ne ahopopoɔ mu.
Yei nti ne metwerɛɛ saa krataa yi, sɛ meesɔ ho ahwɛ na mahu sɛ hoyɔ setie nnoɔma nyinaa mu anaa.
Yɛmfaa yɛ dɔ nkamee ho, na mmom ho ne hotwetwe ho nane ase yɛ ho.
Nkoa, homfa suro ne ahopopoɔ nyɔ setie mma ho wuranom a bɛya asaase yi so, homfiri akoma pa mu, sɛnea hoyɔ setie ma Kristo he;
Na Nyankopɔn yɛ me danseni sɛ mede Kristo Yesu dɔ kae ho nyinaa.
Saa nti, m’adɔfoɔ, sɛnea hoyɔ setie ma me daa he, ɔnyɛ sɛ berɛ a meya ho nkyɛne nkoaa mu, na mmom seesei a menni ho nkyɛne titire he, homfa suro ne ahopopoɔ nyɔ hoaa ho nkwagyeɛ ho adwuma;
Ɔnam sɛ, hoyɛ nnipa a Nyankopɔn ayi ho a hoyɛ kronkron na ɔdɔ ho nti, homfa mmɔborɔhunu, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ, dwoɔ ne ntoboaseɛ mmɔ ho bra.
Na sɛ bi antie yɛ asɛm a ɔya krataa yi mu a, honhyɛ no nso, ho ne no mmɔ fekuo, na ama n’ani awu.
Sɛ bi yɛ defoɔ na ohu sɛ ne nua hia bibi, na wanhu ne mmɔbɔ a, ɔbɛyɛ dɛ na watumi aka sɛ ɔdɔ Nyankopɔn n’akoma mu?