Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 7:1 - Apam Foforɔ

1 Ɔnam sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, homma yɛnhohoro yɛ ho mfiri honam ne honhom fi nyinaa ho, na yɛ kronkronyɛ awie mu die Nyankopɔn suro mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 7:1
48 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Homma dua he nyɛ dua pa, na n’aba nso ayɛ aba pa; na sɛ homma dua he nyɛ dua bɔne n’aba nso yɛ aba bɔne; na dua he aba ne yɛde hu dua korɔ a ɔyɛ.


Honyɛ pɛ, efiri sɛ, ho Agya ɔya soro he yɛ pɛ.


Nhyira ne bɛ a bɛ akoma mu te, efiri sɛ bɛ ne bebehu Nyankopɔn.


Saa berɛ heaa mu asafo a ɔyeya Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwie, na bɛyɛɛ nam. Na bere a bɛde Awurade suro ne Honhom Kronkron he awerekyekyerɛ nanteeɛ he, bɛkɔɔ so dɔreeɛ.


Nso mmara he baa sɛ mmarato bɛdɔɔso; nso sɛ bɔne dɔɔso a, adom broo so kyɛne saa.


Efiri sɛ ɔtɔɔ ho aboɔdene; nti homfa ho nipadua nhyɛ no animuonyam.


Na Nyankopɔn bɔhyɛ nyinaa yɛ nɔkorɛ. Ne saa nti ɔnam Kristo so ne yɛka “Amen” de hyɛ Nyankopɔn animuonyam.


Saa ara ne mmerɛ bi a atwam he yɛ nyinaa nso yɛbɔɔ yɛ bra sɛnea yɛ honam akɔnnɔ teɛ, yedii honam ne n’akɔnnɔ akyi, na yɛbɛyɛɛ abufuo mma, yɛ awosuo mu, sɛnea nnipa a aka nyinaa teɛ.


Na ɔnhyɛ ho akoma dene kronkronyɛ mapa mu sɛ ho ho mma asɛm yɛ Nyankopɔn ne Agya he anim ya Awurade Yesu, ne ahoteefoɔ mmaeɛ he mu.


Na Nyankopɔn amfrɛ yɛ ankɔ fi mu na mmom ahoteɛ mu.


Asomdwie Nyankopɔn he ankasa nte ho ho koraa, ɔmfa ho honhom ne ho kra ne ho nipadua nsie yie ma onni mu, berɛ a ho ho ɔmma asɛm biaa wɔ Awurade Yesu Kristo mmaeɛ he mu.


ne mmakane a bɛatwerɛ bɛ dini soro ahennie mu nhyiamu ase ne Nyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa temufoɔ, ne ahoteefoɔ ahonhom a bɛayɛ no pɛ,


Nti esiane sɛ yɛanya ahennie a ɔnwoso yi, homma yɛmfa aseda mmra mfa so nsom Nyankopɔn sɛdeɛ ɔsɔ n’ani anidie ne ahodasoɔ mu,


Nti, esiane sɛ bɔhyɛ da so ya hɔ sɛ yebetumi ahyɛne n’ahomegyeɛ mu nti, homma yɛnhwɛ yie sɛ ho mu bi ɔnntɔ ho sini daakye;


Adɔfonom, ɔyam sɛ yɛkasa saa kwane yi so deɛ, nso yɛwɔ awerɛhyɛmu sɛ ho fam deɛ nnoɔma pa bi ya hɔ ma ho, nnoɔma a ɔma nkwagyeɛ.


Hommɛne Nyankopɔn na ɔno nso bɛtwe abɛne ho. Honhohoro ho nsa, na homma ho akoma mu nte, ho nnebɔnyɛfoɔ a ho adwene yɛ ntanta.


na mmom, ɔsɛ sɛ hoyɛ kronkron bibiaa a hoyɔ mu sɛnea Nyankopɔn a ɔfrɛɛ ho he yɛ kronkron he,


Na sɛ hofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim, na obu atɛne sɛdeɛ biaa adwuma teɛ he sɛ Agya a, homfa suro mmɔ ho bra ho ahɔhobea tenabea yi mu.


Afei a hoayɔ setie ama nɔkorɛ he de adwira ho kra ho ama hoanya nuadɔ a nyaatwom nni mu he, homfiri ho akoma nyinaa mu nnodɔ ho ho.


Adɔfonom, mekasa kyerɛ ho sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ a hoya wiase. Hontwe ho ho mfiri honam akɔnnɔ a ɔne kra he di asie he ho.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne daa animuonyam he mu Kristo mu he, ɔnoaa ne sɛ ho hu amane kakra, obesiesie ho pɛ; ɔbɛma ho ase atim. Ɔbɛhyɛ ho dene; ɔbɛma ho anya nnyinasoɔ.


Na sɛ yɛnante hann he mu sɛnea ɔno nso nante mu he a, hedeɛ na yɛ ne yɛ ho yɛ ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu he mogyaa te yɛ ho firi bɔne nyinaa ho.


Na sɛ yɛka yɛ bɔne kyerɛ Nyankopɔn a, ɔyɛ nɔkwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛ bɔne bɛkyɛ yɛ, na wate yɛ ho afiri nea ɔntene nyinaa ho.


Na biaa a ɔwɔ saa anidasoɔ yi ne mu he te ne ho, sɛnea ɔno nso ho te he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ