Nti bɛsomaa bɛ asuafoɔ ne Herodefoɔ kɔɔ ne nkyɛne, kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woyɛ nɔkwafoɔ, wonam nɔkorɛ so kyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane, na wonsuro nipa biaa, saa nso ne wonhwɛ nnipa anim.
Bɛkaa sɛ, “Bɔfoɔ kronkron bi de Nyankopɔn akwankyerɛ maa Konelio, asraafoɔ ha so hwɛfoɔ, teneneeni a osuro Nyankopɔn, a Yudafoɔ nyinaa bɔ no dini pa he sɛ ɔnsoma ma bɛmmɛfa wo mmra ne fie na ontie nea wowɔ ka.”
Na behunahunaa bɛ bio he, begyae bɛ esiane sɛ bɛannya bibiaa a bebegyina so atwe bɛ aso ɔnam nkurofoɔ he nti, efiri sɛ, na nkurofoɔ he nyinaa ɔɔhyɛ Nyankopɔn animuonyam ya nea asi he ho.
Nti anuanom, ho ankasa honhwehwɛ ho mu mmeema nson a hobetumi adi bɛ ho adanse-pa, na Honhom ne nyansa ahyɛ bɛ ma, na yɛmfa saa dwumadie yi nhyɛ bɛ nsa,
Meka no aniwuo mu sɛ, yɛ deɛ yɛayɛ mmerɛ sɛ yebetumi ayɔ saa; nso deɛ bi yɛ nnam ya mu he, (meka no sɛ deɛ aba biaa nni mu,) me nso meyɛ nnam ho mu bi.
Yɛatwe yɛ ho afiri sum ase nnoɔma a ɔyɛ aniwuo he ho; yɛmma nnaadaa mma yɛ akwane mu; saa ara nso ne yɛmfra Nyankopɔn asɛm mu; na mmom yɛda nɔkorɛ he adi de di yɛ ho adanseɛ kyerɛ nnipa nyinaa ahonim ya Nyankopɔn anim.