Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 6:16 - Apam Foforɔ

16 Mmɛ ne abosom wɔ yɔ ne Nyankopɔn asɔrefie? Na yɛyɛ Nyankopɔn Teasefoɔ he asɔredane; sɛnea Nyankopɔn kaeɛ he, Mɛtena bɛ mu na mɛnante bɛ mu, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛyɛ me nkurofoɔ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 6:16
60 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Simon Petro buaa sɛ, “Wone Kristo he, Nyankopɔn teasefoɔ he Ba.”


“Akoa biaa ntumi nsom awuranom mmienu; efiri sɛ ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaa ɔde ne ho bɛbata baako na waabu baako animtia. Hontumi nsom Nyankopɔn ne ahonyadeɛ.”


Afei, ɔtoaa so maa bɛ mfantoho bi sɛ, “Biaa mmfa ntoma mono sini ntɛ ataadeɛ dadaa mu; anyɛ saa a, ntoma foforɔ he bɛte afiri ataadeɛ he mu, efiri sɛ deɛ otwa firii foforɔ he mu he ne dada he nsɛ.


Yesu buaa no sɛ, “Sɛ bi dɔ me a obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛne na yɛ ne no abɛtena.


Bɛ a bedi me honam na bɛnom me mogyaa tena me mu, na me nso metena bɛ mu.


Na afei sɛ nea ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu he Honhom te ho mu a, hedeɛ deɛ ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu he bɛma ho nnipadua a owu he nkwa ɔnam ne Honhom a ɔte ho mu he nti.


Nso honni honam mu; hoya Honhom mu, esiane Nyankopɔn Honhom a ɔte ho mu nti. Biaa a onni Kristo Honhom he nyɛ Kristo dea.


“Na baabi a bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, ‘Honnyɛ me nkurofoɔ,’ he hɔaa nso ne bɛbɛfrɛ bɛ Nyankopɔn Teasefoɔ he mma.”


Honntumi nnom Nyankopɔn kuruwaa ano na honsane nnom ahonhommɔne kuruwaa nso ano. Hontumi nnidi Awurade pono so na honsane nnidi ahonhommɔne pono nso so.


Anaa honnim sɛ ho nipadua yɛ Honhom Kronkron a honya firii Nyankopɔn hɔ a ɔte ho mu he asɔredane, na honne ho ho?


bɛde ho ato fapem a asomafoɔ ne adiyifoɔ he toeɛ he so a Kristo Yesu he ankasa ne tweasotiboɔ he.


ne mu ne ho nso bɛde ho abom asi hɔ sɛ Nyankopɔn tenabea, honhom mu.


ɔne sɛ Kristo nam gyidie so bɛtena ho akoma mu, sɛdeɛ hoagye nhini na ho ase atim dɔ mu.


sɛ bibi ma mekyɛre a, woahu sɛdeɛ ɔsɛ sɛ bi bɔ ne bra Nyankopɔn fie a ɔyɛ Nyankopɔn teasefoɔ he asafo, nɔkorɛ dum ne nyinasoɔ he mu.


Adepa a ɔde ahyɛ wo nsa he, fa Honhom Kronkron a ɔte yɛ mu he sɔ mu yie.


Nso Kristo deɛ, odii nɔkorɛ Nyankopɔn fie nyinaa so sɛ ba, na sɛ yɛsɔ nnamyɛ a yɛde kasa ne anidasoɔ a yɛde hoahoa yɛ ho he mu pintinn kosi awieeɛ a, ɔno ne ma yɛyɛ ne fiefoɔ.


Apam a me ne Israel fie bɛpam di, Awurade dɛ nna he akyi he: Mede me mmara bɛhyɛ bɛ adwenem, na matwerɛ no bɛ akoma so, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛ yɛ me mane.


Anaa hosusu sɛ twerɛsɛm he ka no kwa sɛ, “Nyankopɔn twe honhom a ɔde adua yɛ mu he ho ninkunu?”


Ho nso hote sɛ aboɔ a nkwa yam a bɛnam so oosi honhom mu dane a ɔbɛyɛ asɔfokuo Kronkron a bɛnam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɔsɔ Nyankopɔn ani ya mu.


Biaa nhuu Nyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛ ho yɛ ho a, na Nyankopɔn te yɛ mu, na ne dɔ he awie pɛyɛ yɛ mu nso.


Biaa a ɔpae mu ka sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn Ba he Nyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu.


“Twerɛ krataa kɔma Efeso asafo mu bɔfoɔ he, na ka kyerɛ no sɛ: Yei ne nsɛm a ofiri nea a okita nsoromma nson ne nsa nifa mu a, ɔnante sika nkaneadua nson he ntam he nkyɛne.


Na metee nne dendene bi firi ahennwa he so sɛ: “Hwɛ! Nyankopɔn ntomadane ya nnipa mu. Ɔne bɛ bɛtena na bɛayɛ ne mane. Na Nyankopɔn he ankasa ne bɛ bɛtena


Biaa a obedi nkunim he benya yei afiri me nkyɛne. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ