11 O! Korintofoɔ; yɛakasa akyerɛ ho nɔkorɛ kwane so, yɛabie yɛ akoma mu ama ho.
Yei akyi he, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto.
Krispo a na ɔyɛ hyiadane he mu panyini ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ. Na Korintofoɔ he a betie Paulo he nso gye diiɛ na bɛbɔɔ bɛ asu.
Na me deɛ mede anigyeɛ bɛhwere m’adeɛ, na mama bɛahwere me ama ho kra. Na sɛ medɔ ho maa no boroo so a, ɔsɛ sɛ ho dɔ he sua sene me deɛ?
Na mede akoma a ahohia ne ahometeɛ ahyɛ no mma ne nisuo ne meetwerɛ ho, menhyɛ ho yeyaa, na mmom sɛ hobehu dɔ mmorosoɔ deɛ mewɔ ma ho.
O, Galatifoɔ a hoyɛ adwenharefoɔ! Hwane ne adaadaa ho saa. Ho ampa ara a bɛde Yesu Kristo a bɛbɔɔ no asennuam agyina ho anim akyerɛ pefee paa di!
Anuanom, honyɛ sɛ me, efiri sɛ me nso maayɛ sɛ ho. Honnyɔɔ me bɔne biaa.
Hommɔ mpaeɛ mma me nso, na sɛ mebie m’ano a, manya akokoɔduro a mede bɛpae mu aka asɛmpa he ho ahintasɛm,
Na honim sɛ papa biaa a yɛyɔ he, nkoa oo, adehyeɛ oo, yebenya ho akatua afiri Awurade hɔ.
Na Nyankopɔn yɛ me danseni sɛ mede Kristo Yesu dɔ kae ho nyinaa.
Ho Filipifoɔ, ho a honim sɛ mefirii asɛmpaka adwuma ase he, berɛ a mefirii Makedonia he, asafo biaa ne me anya ma ne gyeɛ mu kyɛfa ho asɛm.
“Hwɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba! Na mekita m’akatua sɛ mede bra biaa sɛnea n’adwuma teɛ.