Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 4:7 - Apam Foforɔ

7 Nso yɛwɔ saa agyapadeɛ yi ya nɛteɛ anwenneɛ mu, na aada adi pefee sɛ, saa tumi a ɔboro so he yɛ Nyankopɔn deɛ, na mmom omfiri yɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 4:7
31 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Soro ahennie he te sɛ agyapadeɛ a bɛde asie asaase bi so, na bi huiɛ na ɔkata so; na ɔde ho anigyeɛ kɔtɔnoo deɛ ɔwɔ nyinaa kɔtɔɔ asaase he.


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei nti twerɛfoɔ biaa a bɛatete ne sɛ suani ma soro ahennie he te sɛ fiewura a oyi n’agyapadeɛ foforɔ ne dadaa nyinaa firi n’adekoradane mu.”


Maaka yeinom nyinaa akyerɛ ho sɛ ɔbɛyɛ a hobenya asomdwie me mu. Hobehyia taa wiase mu. Nso homma ho bo ntɔ ho yam; na maadi wiase so nkunim dada!


Na Nyankopɔn fa wiase yi mu adeɛ a ɔnsɛ hwee ne nea bebu no animtia, nnoɔma a onni hɔ de brɛ deɛ ɔya hɔ he ase,


efiri sɛ, bɛka sɛ, “Ne krataa he mu oduru na tumi yam, nso ɔya yɛ ntam a, ɔmmerɛ, na ɔkasa nso a, bɛmfa n’asɛm nyɔ hwee.”


Bɛbɔɔ no asennua mu sɛ nipa a ɔmerɛ, nso ɔnam Nyankopɔn tumi so te ase. Na yɛ nso yɛyɛ mmerɛ ne mu deɛ, nso yɛne no nam Nyankopɔn tumi so bɛtena ase ho fam.


Saa nti yɛmpa aba, osiane sɛ Nyankopɔn nam ne mmɔborɔhunu so ne de saa som adwuma yi ama yɛ.


Na yenim sɛ, sɛ bɛsɛe yɛ asaase yi so ntomadane a yɛte mu yi a, yɛwɔ ntomadane a ofiri Nyankopɔn hɔ, ntomadane a bɛamfa nsa ne siiɛ, a ɔya soro hɔ daa,


sɛ nnipa a beedi awerɛhoɔ, nso yɛ ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nso yɛma nnipa bebree nya bɛ ho; sɛ nnipa a benni hwee nso yɛwɔ nnoɔma nyinaa.


ama yɛ a na yɛawu mfomsoɔ mu he ne Kristo nkwa. Ɔnam adom so ne Nyankopɔn agye ho nkwa,


Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.


Bɛne Nyankopɔn ayi bɛ sɛ benhu sɛnea n’ahintasɛm yi animuonyam kɛseɛ he bɛda adi amanamane mufoɔ mu, ɔno ne Kristo a ɔya ho mu a ɔyɛ animuonyam anidasoɔ he.


Besiee ho ne no asubɔ mu he, ho ne no nso sɔreeɛ gyidie mu, Nyankopɔn a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu he tumi mu.


Ɔyɛ Kristo mu ne nyansa ne nimdeɛ ho nnepa nyinaa ahinta.


efiri sɛ, yɛ asɛmpa he amma ho nkyɛne kwa, na mmom ɔbaa ahoɔdene ne Honhom Kronkron ne nteaseɛ bebree mu nso, sɛnea honim sɛ, ho nti, yɛbɔɔ yɛ bra faeɛ ho mu he.


sɛ ho mu biaa behu sɛ ɔbɛhyɛ ne nnipadua so kronkronyɛ ne anidie mu,


Na fikɛseɛ biaa mu he ɔnyɛ sika ne dwetɛ nnoɔma nkoaa ne ya hɔ, na mmom nnua ne nnɛteɛ deɛ nso ya hɔ bi, na bebu bi, bi nso bemmu no.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ