Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 4:16 - Apam Foforɔ

16 Nti yɛ akoma ntu, ɔyam sɛ yɛ nipadua he ɔɔsɛe deɛ, nso yɛ honhom he yɛ foforɔ da biaa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 4:16
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ma yɛ aduane nnɛ nso, sɛnea wode ma yɛ daa he.


Na homfa wiase nhyehyɛeɛ yi so, na mmom honsakra ho adwene na honyɛ foforɔ, na hoasɛ ahwɛ ahu nea Nyankopɔn pɛ a ɔyɛ na ɔsɔ ani na odi mu.


Na m’ani gye Nyankopɔn mmara a ɔte me mu he ho,


Nti anuanom adɔfoɔ, hontintim, honnhinhim, honkɔ so Awurade adwuma mu daa, efiri sɛ, honim sɛ, ho brɛ ɔnyɛ kwa Awurade mu.


Na me deɛ mede anigyeɛ bɛhwere m’adeɛ, na mama bɛahwere me ama ho kra. Na sɛ medɔ ho maa no boroo so a, ɔsɛ sɛ ho dɔ he sua sene me deɛ?


Saa nti yɛmpa aba, osiane sɛ Nyankopɔn nam ne mmɔborɔhunu so ne de saa som adwuma yi ama yɛ.


Mebɔ mpaeɛ sɛ, sɛnea n’ahonya animuonyam teɛ sɛ ɔbɛma ho mu nipadua a ahinta he ase atim tumi a ɔnam ne Honhom so he mu,


na hoahyɛ nipasu foforɔ a bɛnam nɔkorɛ nimdeɛ so a ɔɔyɔ no foforɔ sɛnea nea ɔbɔɔ no he subane teɛ.


ɔgyee yɛ, ɔnyɛ tenenee nnwuma bi a yɛayɔ nti, na mmom ɔnam ne mmɔborɔhunu so faa nsuo adwareɛ a ɔnam awofoforɔ ne foforɔyɛ a ofiri Honhom Kronkron so ne gyee yɛ.


na mmom homma ɔnyɛ akoma a hode dwoɔ ne honhom a ɔyɛ dinn asiesie no. Ɔno ne sɔ Nyankopɔn ani.


Nhyira nka ho sɛ Kristo dini nti bɛya ho, efiri sɛ animuonyam honhom a ɔyɛ Nyankopɔn honhom he ya ho so.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ