Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 3:7 - Apam Foforɔ

7 Na afei sɛ wuo som a bɛde atwerɛdeɛ kurukyire guu aboɔ so nyaa animuonyam a Israelfoɔ antumi annyene bɛ ani anhwɛ Mose anim, ɔnam n’animuonyam a otwam he nti a,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 3:7
38 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Berɛ a bɛ a bɛte Sanhedrin badwa he mu nyinaa hwɛɛ no dinn he, behuu sɛ n’anim te sɛ bɔfoɔ anim.


Na Kristo mu ne mmara he nyinaa wie pɛyɛ, nti bɛnam ne so de tenenee ma nea ɔbɛgye adi biaa.


efiri sɛ mmara he twetwe Nyankopɔn abufuo ba; na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato biaa nso nni hɔ.


Nso mmara he baa sɛ mmarato bɛdɔɔso; nso sɛ bɔne dɔɔso a, adom broo so kyɛne saa.


na mewuiɛ, na mmaransɛm korɔ he a ɔhyɛɛ nkwa ho bɔ he mmaa mehuu sɛ ɔyɛ wuo ma me.


Na m’ani gye Nyankopɔn mmara a ɔte me mu he ho,


Berɛ a na yɛte honam mu he, mmara he yɛnee yɛ bɔne akɔnnɔ he, na ɔyɔɔ adwuma yɛ nnipadua mu maa yɛsoo aba maa wuo.


Na sɛ nea owie pɛyɛ he ba a, deɛ onwie pɛyɛ he bɛba awieeɛ.


na hoda no adi sɛ, hoyɛ Kristo krataa a bɛnam yɛ so atwerɛ, krataa a bɛamfa adubire na mmom Nyankopɔn honhom ne bɛde atwerɛ, ɔnyɛ aboɔ pono so na mmom nnipa akoma pono so.


Ɔno ne wama yɛafata sɛ apam foforɔ mu asomfo, ɔnyɛ atwerɛeɛ mu na mmom Honhom mu; efiri sɛ, mmara atwerɛeɛ he bu fɔ kɔ wuom, na honhom he deɛ, ɔma nkwa.


ɔbɛyɛ dɛ ne Honhom som he mmom onnya animuonyam?


Biaa a ɔde ne ho to mmara nnwuma he so he hyɛ nnome ase; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Nnomee ne nipa biaa a onni nea bɛatwerɛ no mmara nwoma mu he nyinaa so na ɔmfa nni dwuma.”


Nti mmara he ko tia Nyankopɔn bɔhyɛ he anaa? Daabi da! Na sɛ bɛde mmara bi ama a otumi ma nkwa a, hedeɛ nka tenenee befiri mmara mu ne bɛba.


Na ɔnyɛ mmepɔ a bɛde nsa ka he ho, ne gya a ɔɔhye ne mununkum kusuu ne sum ne mframa a ɔɔbɔ huu,


Nso Yesu wɔ animuonyam pii sene Mose, sɛdeɛ nipa a osi fie he wɔ anidie bebree sene fie he.


Mu ne sikakɔkɔɔ aduhwamhyeɛ bokyea ne apam adaka a bɛde sikakɔkɔɔ adura ho nyinaa, mu ne sika kuruwaa a mana yam ne Aaron poma a ɔfefɛeɛ ne apam aboɔpono he ya;


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ