6 Ɔno ne wama yɛafata sɛ apam foforɔ mu asomfo, ɔnyɛ atwerɛeɛ mu na mmom Honhom mu; efiri sɛ, mmara atwerɛeɛ he bu fɔ kɔ wuom, na honhom he deɛ, ɔma nkwa.
Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei nti twerɛfoɔ biaa a bɛatete ne sɛ suani ma soro ahennie he te sɛ fiewura a oyi n’agyapadeɛ foforɔ ne dadaa nyinaa firi n’adekoradane mu.”
Saa ara nso ne berɛ a bedii anwummerɛduane he wieeɛ he, ɔfaa kuruwa he na ɔdaa ase de maa bɛ kaa sɛ, “Kuruwaa yi ne me mogyaa, apam foforɔ he mogyaa, a ho nti, beehwie agu.
Na afei deɛ, yɛade yɛ ho afiri mmara he mu, yɛawu afiri nea ɔfaa yɛ nommum he ase, na yɛnam Honhom he so ayɛ nkoa kwane foforɔ so, na ɔnyɛ kwane dadaa a ogyina atwerɛeɛ dadaa he so he.
Saa ara nso ne adidie he akyi he, ɔfaa kuruwaa he nso; na ɔkaa sɛ, “Kuruwaa yi yɛ Apam foforɔ a ɔnam me mogyaa so he. Honyɔ yei, da biaa a hobɛnom he, homfa nkae me.”
Na Nyankopɔn de binom asi asafo he mu, deɛ odi kane, Asomafoɔ, deɛ ɔtɔ so mmienu, adiyifoɔ, deɛ ɔtɔ so mmeɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ; ansa na tumideɛyɔ, ansa na ayaresa akyɛdeɛ, mmoa ahodoɔ, akannie ahodoɔ, kasa hodoɔ.
Bɛyɛ Kristo asomfoɔ? Meyi ano te sɛ bɔdamni, meyɛ Kristo somafoɔ kyɛne bɛ: Brɛ adwuma a ɔboro so mu, afiaseda a ɔboro so mu, hweɛ a ɔtra so mu, wuo amaneɛ a manya no nhunuiɛ mu.
na hoda no adi sɛ, hoyɛ Kristo krataa a bɛnam yɛ so atwerɛ, krataa a bɛamfa adubire na mmom Nyankopɔn honhom ne bɛde atwerɛ, ɔnyɛ aboɔ pono so na mmom nnipa akoma pono so.
Na afei sɛ wuo som a bɛde atwerɛdeɛ kurukyire guu aboɔ so nyaa animuonyam a Israelfoɔ antumi annyene bɛ ani anhwɛ Mose anim, ɔnam n’animuonyam a otwam he nti a,
Na Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko; ɔno a ɔtene he wu maa abɔnefoɔ, na ɔde ho akɔ Nyankopɔn nkyɛne; ɔno na bekuu no honam mu nso, ɔnam Honhom he so sɔreeɛ,