Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 3:5 - Apam Foforɔ

5 Ɔnyɛ sɛ yɛfata sɛ yebesusu ahu bibi sɛ ofiri yɛ mu; na mmom fata a yɛfata he firi Nyankopɔn mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 3:5
19 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

efiri sɛ mɛma ho ano ne nyansa a bɛ a bɛsɔre tia ho nyinaa ntumi nnyina ano anaa bɛmmɔ ngu.


Na hwɛ, meesoma nea m’Agya ahyɛ ho bɔ he aba ho so. Ho deɛ, hontena kuro he mu nkosi sɛ bɛbɛma ho ahoɔdene a ofiri soro.”


Mene bobe he, ho ne mmane he. Nea ɔtena me mu na me nso metena ne mu he, ɔsõ aba bebree; na ho kwati me a hontumi nyɔ hwee.


Nti menhyɛ me ho nka asɛm biaa gye nea Kristo nam me so ayɔ ama Amanamane mufoɔ setie ya asɛm ne adwuma mu


Nso Nyankopɔn adom nti ne mete sɛdeɛ meteɛ yi, na n’adom a ɔya me so he nyɛ kwa. Mmom meyɛ adwuma sene bɛ nyinaa— ɔyam sɛ na ɔnyɛ me deɛ, na mmom sɛdeɛ Nyankopɔn adom a ɔte me mu he teɛ.


Nyankopɔn adom a manya he te sɛ dansifoɔ nyansani a metoo fapem, na bi foforɔ oosi bi asi so. Ɔsɛ sɛ biaa hwɛ yie sɛdeɛ ɔto so fa;


Meduaeɛ, Apolo guguu so nsuo, na ɔyɛ Nyankopɔn ne maa ne nyiniiɛ.


nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, “M’adom dɔɔso ma wo, na metumi wie pɛyɛ ya mmerɛyɛ mu.” Nti mede anigyeɛ bebree bɛhoahoa me ho mmom, na Kristo ahoɔdene abɛtena me so.


Yɛyɛ wuo hwa ma bɛ a bɛɛyera, na yɛyɛ nkwa hwa ma bɛ a bɛɛkɔ nkwa mu. Hwane ne fata yeinom?


Nso yɛwɔ saa agyapadeɛ yi ya nɛteɛ anwenneɛ mu, na aada adi pefee sɛ, saa tumi a ɔboro so he yɛ Nyankopɔn deɛ, na mmom omfiri yɛ.


efiri sɛ, Nyankopɔn ne yɔ ho mu adwuma, na ɔma ho pɛ a hode yɔ n’adwuma ama asɔ n’ani.


Metumi fa tebea biaa mu, deɛ ɔhyɛ me dene he nti.


Na deɛ wote firii m’anum adansefoɔ bebree anim he, ɔnoaa ne fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a bebetumi akyerɛkyerɛ binom nso nsa.


Akyɛdeɛ pa ne nnoɔma a ɔyɛ pɛ nyinaa firi soro, ofiri hann Agya he hɔ ne ba. Ɔno ne nsakraeɛ anaa adanedaneɛ sunsum biaa nni ne mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ