Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 3:18 - Apam Foforɔ

18 Na yɛ nyinaa yɛayi nkatanimu he afiri yɛ anim ne yɛɛhwɛ Awurade animuonyam te sɛ yɛɛhwɛ ahwehwem, wasesa yɛ afiri adom mu kɔ adom mu, na yei firi Awurade, honhom he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 3:18
24 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma.


Yesaia kaa yeinom, efiri sɛ ohuu n’animuonyam, na ɔkaa ne ho asɛm.


Animuonyam a wode maa me he mede ama bɛ, sɛ ɔbɛyɛ na bɛbɛyɛ baako sɛnea yɛyɛ baako he.


Agya mepɛ sɛ bɛ a wode bɛ ama me he ba baabi a meya he. Bɛmmɛka me ho na benhu m’animuonyam a wode ama me he, efiri sɛ wodɔɔ me ansa na wohyɛɛ wiase fapem ase.


Na homfa wiase nhyehyɛeɛ yi so, na mmom honsakra ho adwene na honyɛ foforɔ, na hoasɛ ahwɛ ahu nea Nyankopɔn pɛ a ɔyɛ na ɔsɔ ani na odi mu.


Na mmom, homfa Awurade Yesu Kristo nhyɛ (sɛ ataadeɛ), na homma kwane mma honam, akɔnnɔ nni ho so!.


Na bɛ a ohuu bɛ sieeɛ he, oyii bɛ too hɔ sɛ bɛnsɛ ne Ba he, sɛnea ɔbɛyɛ a ne Ba he bɛyɛ abakane nnipa bebree mu.


sɛnea ɔbɛyɛ a nnepa a mmara he hwehwɛ sɛ yɛyɔ he bɛba mu, ya yɛ a yɛnnante honam fam, na mmom yɛnante Honhom fam he abrabɔ mu;


Saa nti adwene a osi honam nnoɔma so he tane Nyankopɔn; ɔmmrɛ ne ho ase nhyɛ Nyankopɔn mmara ase, nɔkwasɛm ne sɛ ontumi nyɔ saa mpo,


Seesei deɛ, yehu nnoɔma tosee ahwehwem, na daakye deɛ he deɛ, yebehu bibiaa pefee. Seesei menim fa kakra bi; na daakye deɛ, mehu no yie, sɛdeɛ benim me yie he.


Sɛdeɛ yɛ subane te sɛ famni he, saa nso ne yɛbɛfa soroni he nso subane.


Na Awurade ne Honhom he, na baabi a Awurade Honhom ya he, faahodie ya hɔ.


Bɛ mu ne wiase nyame afira bɛ a bɛnnye nni he adwene ani, sɛ benhu asɛmpa he ho hann a ɔyɛ Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn subane he animuonyam.


efiri sɛ Nyankopɔn kaa sɛ, “Hann mfiri sum mu nhyerɛn,” ɔnoaa ne ahyerɛn yɛ akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɔya Yesu Kristo anim he nimdeɛ nhyerɛn.


Nti sɛ bi ya Kristo mu a, ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ: nnoɔma dadaa he nyinaa atwam; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ!


Ɔnyɛ twetia a bɛatwa bi, anaa twetia a bentwa bi ne hia, na mmom sɛ bi bɛyɛ abɔdeɛ foforɔ ne hia!


na hoahyɛ nipasu foforɔ a bɛnam nɔkorɛ nimdeɛ so a ɔɔyɔ no foforɔ sɛnea nea ɔbɔɔ no he subane teɛ.


Sɛnea ɔne nhyira Nyankopɔn he animuonyam asɛmpa a ɔde hyɛɛ me nsa he teɛ he.


ɔgyee yɛ, ɔnyɛ tenenee nnwuma bi a yɛayɔ nti, na mmom ɔnam ne mmɔborɔhunu so faa nsuo adwareɛ a ɔnam awofoforɔ ne foforɔyɛ a ofiri Honhom Kronkron so ne gyee yɛ.


Na sɛ bi tie asɛm he kɛkɛ na wamfa anni dwuma a, ɔte sɛ nipa a ɔhwɛ n’ anim ahwehwɛ mu;


Me nuanom, seesei yɛyɛ ne mma nso nea daakye yɛbɛyɛ he nya nnaa adi. Nso yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, efiri sɛ, yebehu no sɛnea ɔteɛ ankasa.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ