Bɛkenkanee mmara ne adiyifoɔ he badwam wieeɛ he, hyiadane mu mpanyimfoɔ he somaa nnipa kɔɔ bɛ nkyɛne sɛ, “Anuanom, sɛ howɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, honka.”
Na baa bi a bɛfrɛ no Lidia a ɔtɔno ntoma kɔkɔɔ a ofiri Tiatira na ɔsom Nyankopɔn he tiee yɛ asɛm he. Na Awurade biee n’akoma mu ma ɔyɛɛ aso maa nea Paulo kaeɛ he.
na woabie bɛ ani, adane bɛ afiri sum mu aba hann mu, na bɛafiri Satan tumi mu aba Nyankopɔn nkyɛne, na bɛanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ bɛ a bɛnam me mu gyidie so ate bɛ ho mu.’
Nti, anuanom, mepɛ sɛ hote saa ahintasɛm yi ase, na hoammu ho ho anyansafoɔ ho ankasa ho ani so: akomapirim bi aba Israelfoɔ bi so, kosi sɛ Amanamane mufoɔ bebree bɛba mu.
Ɔno ne wama yɛafata sɛ apam foforɔ mu asomfo, ɔnyɛ atwerɛeɛ mu na mmom Honhom mu; efiri sɛ, mmara atwerɛeɛ he bu fɔ kɔ wuom, na honhom he deɛ, ɔma nkwa.
efiri sɛ Nyankopɔn kaa sɛ, “Hann mfiri sum mu nhyerɛn,” ɔnoaa ne ahyerɛn yɛ akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɔya Yesu Kristo anim he nimdeɛ nhyerɛn.