Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 11:6 - Apam Foforɔ

6 Na sɛ m’ano nteeɛ kasa mu mpo a, ɔnyɛ nimdeɛ mu; nɔkwasɛm ne sɛ, yɛama bibiaa ada adi ama ho, nnipa nyinaa anim.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 11:6
13 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ɔnyɛ asubɔ nti ne Kristo somaa me, na mmom ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa he, ɔnyɛ kasaa mu nyansa mu, na Kristo asennua he anyɛ kwa.


Na esiane sɛ, Nyankopɔn nyansa mu he wamma nnipa amfa wiase nyansa so anhu no nti, ɔsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛfa asɛnka he nkwaseasɛm so agye bɛ a bɛgye di he nkwa.


Na ɔnam Honhom he so ma bi anyansasɛnka, bi nso ɔma no nimdesɛnka sɛdeɛ Honhom korɔ heaa pɛ.


Na yɛka nnoɔma yi ho asɛm, ɔnyɛ deɛ nnipa nyansa kyerɛ, na mmom deɛ Honhom he akyerɛ, de kyerɛkyerɛ honhom nnoɔma ase kyerɛ bɛ a bɛya honhom mu.


efiri sɛ, bɛka sɛ, “Ne krataa he mu oduru na tumi yam, nso ɔya yɛ ntam a, ɔmmerɛ, na ɔkasa nso a, bɛmfa n’asɛm nyɔ hwee.”


Somafoɔ nsɛnkyerɛnne mapa he deɛ, bɛayɔ no ho mu boasetɔ nyinaa mu, nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne tumideɛ mu.


Yɛatwe yɛ ho afiri sum ase nnoɔma a ɔyɛ aniwuo he ho; yɛmma nnaadaa mma yɛ akwane mu; saa ara nso ne yɛmfra Nyankopɔn asɛm mu; na mmom yɛda nɔkorɛ he adi de di yɛ ho adanseɛ kyerɛ nnipa nyinaa ahonim ya Nyankopɔn anim.


Saa nti, yɛbɔ mmɔdene sɛ yebetu afoforɔ fo osiane sɛ yenim Awurade suro nti; na yɛ deɛ Nyankopɔn nim yɛ, na mewɔ anidasoɔ sɛ honim yɛ yie ho ahonim mu.


Nea ɔboaa yɛ maa yɛyɔɔ ne nyinaa ne ahoteɛ, Nyankopɔn nimdeɛ, abotrɛ, ayamyɛ, honhom mu kronkronyɛ, dɔ mapa,


Hommie ho akoma mu mma yɛ; yɛnyɔɔ biaa bɔne, yɛnsɛe biaa, yɛnsisii biaa.


ɔno ne sɛ hokenkane a ɔbɛboa ho ama hoahu nteaseɛ a mewɔ no Kristo ho ahintasɛm mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ