Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 11:31 - Apam Foforɔ

31 Awurade Yesu Nyankopɔn ne n’Agya a nhyira nka no daa he nim sɛ menni torɔ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 11:31
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mfa wo nsa nka me, efiri sɛ menya nkɔɔ soro, m’Agya nkyɛne. Na kɔ me nuanom nkyɛne kɔka kyerɛ bɛ sɛ, ‘Meekɔ soro, m’Agya ne ho Agya ne me Nyankopɔn ne ho Nyankopɔn nkyɛne.’ ”


efiri sɛ bɛde Nyankopɔn ho nɔkorɛ sesaa torɔ na bɛsomm abɔdeɛ sene sɛ bɛbɛsom Bɔadeɛ, ɔno ne nhyira nka no daa! Amen.


Na Nyankopɔn a mede me honhom som no a mepae mu ka ne Ba he ho asɛmpa he, ɔno ne me danseni sɛ mennyae ho nkaeɛ wɔ me mpaebɔ mu,


na hode anokorɔ ahyɛ Nyankopɔn a ɔyɛ yɛ Awurade Yesu Kristo agya he animuonyam.


Meeka Kristo mu nɔkorɛ, meenni torɔ; Honhom Kronkron nam m’ahonim so di adanseɛ.


bɛyɛ tete agyanom asefoɔ, na ofiri bɛ abusua mu ne Kristo he baa honam fam. Nhyira nka Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ daa. Amen.


Sɛ nea meeka yi meboa a, Nyankopɔn mmu me fɔ: na mempɛ sɛ meha ho nti ne mamma Korinto bio he.


Ayeyie nka yɛ Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya ne awerɛkyekyefoɔ nyinaa Nyankopɔn,


Ɛɛne ntia meyɔ saa? Mennɔ ho nti anaa? Nyankopɔn koraa nim sɛ medɔ ho!


Nea meetwerɛ abra ho yi, Nyankopɔn ne me danseni sɛ, menni torɔ!


Nhyira nka Nyankopɔn a ɔyɛ yɛ Awurade Yesu Kristo Agya, nea ɔde honhom mu nhyira a ɔya soro nyinaa ahyira yɛ Kristo mu,


Da biaa a yɛbɔ mpaeɛ ma ho he, yɛda Nyankopɔn a ɔyɛ yɛ Awurade Yesu Kristo Agya he ase;


Sɛnea honim na Nyankopɔn yɛ danseni he, yɛamfa nnaadaasɛm ne baeɛ, ne asɛm biaa a yɛka kyerɛɛ ho he, yɛanka sɛ ɔbɛyɔ a yebenya mfasoɔ ya ho so nti;


Sɛnea ɔne nhyira Nyankopɔn he animuonyam asɛmpa a ɔde hyɛɛ me nsa he teɛ he.


Anidie ne animuonyam nka Nyankopɔn daa daa, mekyerɛ daa mmeresantene Hene a onnwu da, na bennhu no a ɔno nkoaa ne Nyankopɔn trodoo he. Amen!


Ɔno nkoaa ne wɔ anwuda tebea na ɔte hann a bi ntumi nkɔ ho, nea biaa nhu no da na biaa ntumi nhu no; ɔno ne anidie ne daa tumidie wɔ no. Amen.


Nhyira nka yɛ Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn; saa Nyankopon yi ne yɛ n’Agya nso. Esiane n’ahummɔborɔ pii nti, ɔnam nyane a onyanee Yesu Kristo firii wuo mu he so maa yɛ nkwa foforɔ. Yei ama yɛanya anidasoɔ a atim,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ