Mmɛ nti ne hoyɔ saa! Honni fie a hodidi na honom ya mu? Anaa hoaba sɛ hoobebu Nyankopɔn asafo animtia, na hoahyɛ bɛ a benni hwee he aniwuo? Ɛɛne ne hopɛ sɛ meka kyerɛ ho? Menkamfo ho? Asɛm yei ho deɛ, menkamfo ho da!
Nso berɛ a mehuu sɛ bɛ adwene nsi bɛ pi sɛnea asɛmpa he nɔkorɛ teɛ he, meka kyerɛɛ Kefa bɛ nyinaa bɛ anim sɛ, “Sɛ wo a, mpo woyɛ Yudani, wobɔ wo bra sɛ Amanamane muni na ɔnyɛ sɛ Yudani a, mmɛ nti ne wopɛ sɛ wohyɛ Amanamane mufoɔ sɛ bɛmmɔ bɛ bra sɛ Yudafoɔ?”
“Menim wo nnwuma. Menim nsiyɛ a wode ayɔ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔnyɛfoɔ, na afei woasɔ bɛ a bɛfrɛ bɛ ho asomafoɔ nso bɛnyɛ bi he ahwɛ, na woahu sɛ bɛyɛ atorɔfoɔ.
Nso nea mewɔ nsɛm bi tia wo: Wososɔɔ baa bi a ne dini de Isebel, a ɔfrɛ ne ho diyifoɔ he so. Saa baa yi kyerɛkyerɛ, na odi m’asomfoɔ anim ma bɛbɔ adwamane di abosom-nnuane.