Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 11:26 - Apam Foforɔ

26 Akwantuo pii mu, asubɔntene so asiane mu, adwotwafoɔ asiane mu, amannifoɔ mu asiane mu, amanamane mu asiane mu, kuro mu asiane mu, serɛ so asiane mu, po so asiane mu, anuanom atorɔfoɔ mu asiane mu;

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 11:26
35 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Yudafoɔ he huu nnipakuo he, ahoɔyea hyɛɛ bɛ ma. Na bɛkaa abususɛm de bɔɔ nea Paulo kaeɛ he abira.


Na Yudafoɔ he hyɛɛ mmaa a bedi mu, ne mmeema atitire he kutupa ma bɛtaa Paulo ne Barnaba pamoo bɛ firi mpɔtamu hɔ.


Na Yudafoɔ bi firi Antiokia ne Ikonium baeɛ; na nnipakuo he baa bɛ afa. Na besii Paulo aboɔ twee no firii kuro he mu susuu sɛ waawu.


Na berɛ a Amanamane mufoɔ ne Yudafoɔ ne bɛ sodifoɔ he nyinaa yɛɛ sɛ bɛɛbɛhyɛ bɛ aniɔyea na bɛasi bɛ aboɔ he,


Paulo nso faa Silas, na berɛ a agyidifoɔ de Paulo hyɛɛ Awurade adom ase he, befirii hɔ kɔeɛ.


Na Yudafoɔ a bɛya Tesalonika tee sɛ Paulo aka Nyankopɔn asɛm Beroia nso he, bɛbaa hɔ nso betu guu manfoɔ he asom, na bɛhwanyanee bɛ mu.


Na Yudafoɔ he ani bereeɛ, na bɛboaboa nsɛmmɔnefoɔ bi ano dwa so maa kuro he mu yɛɛ bagyabagya. Na bɛto hyɛɛ Yason fie so hwehwɛɛ sɛ bɛde bɛ bɛbra bɛ a bɛɛyɔ basabasa he.


Afei berɛ a Galio yɛ Akaia amrado he, Yudafoɔ he yɛɛ baako sɔre tiaa Paulo de no kɔɔ atemmuo adwa he anim


Ɔbaa sɛ berɛ a Apolo ya Korinto he, Paulo faa mpɔtamu hɔ baabi baa Efeso, bɛtoo asuafoɔ bi.


Saa bere no sakasaka kɛseɛ bi sɔreeɛ a na ɔfa gyidie Kwane He ho.


na mede ahobrɛaseɛ kɛseɛ ne nisuo pii, ne nsɔhwɛ a ɔtoo me ɔnam Yudafoɔ pɔ a bɛbɔeɛ so som Awurade.


bedii bosome mmeɛnsa. Na berɛ a ɔɔbɛkɔ Siria he Yudafoɔ he bɔɔ ne ho pɔ. Ne saa nti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔfa Makedonia mmom ne akɔ.


Afei berɛ a akasakasaa he mu yɛɛ dene he, na sahene he suro sɛ bɛbɛtete Paulo mu asisinasini, nti ɔhyɛɛ asraafoɔ he sɛ bɛnkɔgye no mfiri bɛ nsa mu mfa no mmra asraafoɔ asoeɛ hɔ.


srɛɛ sɛ ɔnyɔ bɛ adom nsoma nkɔfrɛ beema he mmra Yerusalem. Na bɛabɔ pɔ paa sɛ bɛbɛtɛ kwane ho aku no.


Asraafoɔ he yɛɛ bɛ adwene sɛ bebekuku nneduafoɔ he nyinaa sɛnea ɔbɛyɛ a biaa oonnya kwane nnwane.


tumi a ɔyɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne, Nyankopɔn Honhom tumi mu, sɛ maawie Kristo asɛmpa he ka firi Yerusalem de kosi Iliriko.


Hwane ne bɛte yɛ afiri Kristo dɔ ho? Ahokyerɛ mu oo, ateetee mu oo, taa mu oo, kɔm mu oo, adagyada mu oo, amaneɛ mu oo, wuo mu oo; bibiaa nni hɔ a obetumi ate yɛ afiri Kristo dɔ ho.


Ɛɛne nti ne yɛde yɛho to amaneɛ mu bere biaa yi?


Na sɛ nnipa anidasoɔ nti ne me ne bɛ a bɛ ani ɔdene sɛ wuram mmoa kõõ Efeso dea, abɛ mfasoɔ ne menya? Sɛ awufoɔ nsɔre a, “Homma yennidi na yɛnom, na kyena na yɛawu.”


Damasko hɔ ne Hene Areta amrado wɛnee Damaskofoɔ kuro he sɛ ɔɔpɛ me akye me;


Nso ɔnam sɛ na anuanom atorɔfoɔ bi awiawia bɛ ho aba yɛ mu sɛ bɛbɛtetɛ yɛ ahwɛ ahofadie a yɛwɔ no Kristo Yesu mu, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛde yɛ bɛkɔ Mmara nkoasom mu nti


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ