Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 10:7 - Apam Foforɔ

7 Honhwɛ deɛ ɔda hɔ pefee. Sɛ bi wɔ gyidie sɛ ɔyɛ Kristo deɛ a, ɔnkae sɛ, sɛdeɛ ɔyɛ Kristo deɛ he, saa ara ne yɛ nso yɛyɛ ne deɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 10:7
21 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na bɛyɔ bɛ nnwuma nyinaa sɛ ɔbɛyɛ a nipa behu bɛ. Na bɛyɔ bɛ nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na bɛyɔ bɛ ntaadeɛ ano nso akɛseɛ.


Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ne hobu ho ho bem nnipa anim, nso Nyankopɔn nim ho akomam; efiri sɛ nea ɔsombo nnipa ani so he yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn ani so.


Hommfa nea hohu mmmu atɛne, na hommu atɛntenenee.”


Nea mate ne sɛ ho mu bi ka sɛ, “Meya Paulo afa,” bi nso “Meya Apolo afa,” saa ara nso ne bi nso ka sɛ, “Meya Kefa afa,” anaa “meya Kristo afa.”


Sɛ bi ka sɛ ɔyɛ diyifoɔ, anaa ɔwɔ honhom mu tumi a, ɔsɛ sɛ ohu sɛ deɛ meetwerɛ ama ho yi yɛ ahyɛdeɛ firi Nyankopɔn hɔ.


Na biaa wɔ ne diberɛ: Kristo ne aba a odi kane, na ɔno akyi he bɛ a bɛyɛ Kristo deɛ he nso adi hɔ, sɛ ɔba bio a,


na hoyɛ Kristo dea, na Kristo nso yɛ Nyankopɔn dea.


Menne me ho anaa? Menyɛ somafoɔ anaa? Menhuu Yesu yɛ Awurade he anaa? Honnyɛ m’adwuma so aba Awurade mu anaa?


Afei m’ankasa Paulo a sɛ meya honkyɛne a, meyɛ hufoɔ, nso sɛ menni honkyɛne a meyɛ kokoɔdurufoɔ ma ho he, menam Kristo dwoɔ ne n’ayamyɛ so srɛ ho,


Esiane sɛ nnipa bebree hoahoa bɛ ho honam fam nti, me nso mɛhoahoa me ho bi


Bɛyɛ Kristo asomfoɔ? Meyi ano te sɛ bɔdamni, meyɛ Kristo somafoɔ kyɛne bɛ: Brɛ adwuma a ɔboro so mu, afiaseda a ɔboro so mu, hweɛ a ɔtra so mu, wuo amaneɛ a manya no nhunuiɛ mu.


Na sɛ bi bɛpae mu ka Yesu foforɔ a ɔnyɛ nea yɛkaa ne ho asɛm he ho asɛm kyerɛ ho a, anaa sɛ hogye honhom foforɔ bi a ɔnyɛ nea hogyeeɛ he a, anaa sɛ hogye asɛmpa foforɔ a ɔnyɛ nea hoagye he a, hedeɛ na hoagye no ntɛm dodo.


Maayɛ sɛ kwasea! Ho ne hohyɛɛ me ma meyɔɔ saa. Nɔkorɛ di ɔsɛ sɛ nka hoyi me ayɛ, efiri sɛ asomafoɔ a hobu bɛ atitire he nkyɛne me bibiaa mu, nso menyɛ hwee mpo.


efiri sɛ hoohwehwɛ nsɛnkyerɛnne sɛ Kristo ne fa me so kasa. Ɔnyɛ mmerɛ ho fam, na mmom ɔwɔ tumi ho mu.


Yenni yɛ ho adanseɛ nkyerɛ ho bio, nso yɛama ho akwannya a hode yɛ bɛhoahoa ho ho, sɛnea ɔbɛyɛ a hobenya mmuaeɛ ama bɛ a bɛhoahoa bɛ ho honam fam nso ɔnnyɛ akoma mu he;


Sɛ hoya Kristo afa a, hedeɛ hoyɛ Abraham asefoɔ, honam bɔhyɛ so yɛ adedifoɔ.


Nso yɛ deɛ, yefiri Nyankopɔn. Biaa a onim Nyankopɔn he tie yɛ. Na biaa a onnim Nyankopɔn he ntie yɛ. Yei mu ne yehu nɔkorɛ honhom ne atorɔ honhom.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ