Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 10:2 - Apam Foforɔ

2 na sɛ meba honkyɛne a mamfa ahotɔsoɔ anyɔ m’adeɛ akokoɔduro so sɛnea mede nnamyɛ yɔ adeɛ tia bɛ a bɛhwɛ yɛ sɛnea yɛteɛ honam mu he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 10:2
12 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nti afei afobuo biaa nni hɔ ma bɛ a bɛya Kristo Yesu mu,


sɛnea ɔbɛyɛ a nnepa a mmara he hwehwɛ sɛ yɛyɔ he bɛba mu, ya yɛ a yɛnnante honam fam, na mmom yɛnante Honhom fam he abrabɔ mu;


efiri sɛ bɛ a bɛbɔ bɛ bra sɛnea honam pɛ he de bɛ adwene si honam fam nnoɔma so, nso bɛ a bɛbɔ bɛ bra Honhom mu he de bɛ adwene si Honhom mu nnoɔma so.


Nti meyɔɔ m’adwene sɛ mɛyɔ saa he, medii adwenharesɛm anaa? Anaa nea mesusuu sɛ mɛyɔ he, mesusuu no sɛ wiaseni a otumi ka sɛ “Ɛɛ” ɔne “Daabi” berɛ korɔ heaa mu?


Meka no aniwuo mu sɛ, yɛ deɛ yɛayɛ mmerɛ sɛ yebetumi ayɔ saa; nso deɛ bi yɛ nnam ya mu he, (meka no sɛ deɛ aba biaa nni mu,) me nso meyɛ nnam ho mu bi.


Yei nti ne menni ho nkyɛne he, meetwerɛ yei abra ho, na sɛ meba a, me ne ho anni no dendene, sɛnea tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhyɛ dene na memmfa nsɛe he teɛ.


Mebɔɔ bɛ a bɛyɔɔ bɔne kane he ne bɛ a bɛaka he nyinaa kɔkɔ, saa nso ne seesei a menni ho hɔ he, meebɔ ho kɔkɔ, sɛnea meyɔɔ no berɛ a mebaa ho nkyɛne ne mprenu so he, sɛ meba bio a, menhu bɛ mmɔbɔ,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ