Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 10:18 - Apam Foforɔ

18 Na ɔnyɛ deɛ oyi ne ho ayɛ ne fata, na mmom deɛ Awurade yi no ayɛ he ne fata.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 10:18
21 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ne hobu ho ho bem nnipa anim, nso Nyankopɔn nim ho akomam; efiri sɛ nea ɔsombo nnipa ani so he yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn ani so.


efiri sɛ bɛpɛ nnipa animuonyam kyɛne Nyankopɔn animuonyam mpo.


“Israelfoɔ, hontie nea meeka yi: Yesu, Nasareni he, beema a Nyankopɔn de anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn he ankasa nam ne so yɔɔ no ho mu yii no adi kyerɛ ho pefee, sɛnea hoaa honim he;


Na nea ɔsom Kristo saa kwane so he ɔno ne sɔ Nyankopɔn ani na nnipa gye no tom.


Honkyea Apele, a ɔsɔ ani Kristo mu. Honkyea bɛ a befiri Aristobulo abusua mu.


na mmom, sɛ bi yɛ Yudani mapa a, ɔyɛ no ne mu, na twetiatwa ankasa yɛ akoma mu asɛm; ɔyɛ honhom mu adeɛ, na mmom ɔnyɛ honam mu adeɛ. Nea ɔyɛ Yudani mapa he, n’ayeyie firi Nyankopɔn hɔ, na mmom ommfiri nnipa hɔ.


Ɔkame ayɛ sɛ, ɔsɛ sɛ nkyekyemu ba ho mu, na ama bɛ a bɛyɛ agyidifoɔ mapa he ada adi ho mu.


Nti mpɛ ntɛm mmu atɛne ansa na berɛ he aso, ansa na Awurade aba, ɔno ne de nnoɔma a ahinta sum mu bɛba hann mu na wayi akoma mu botaeɛ adi, ansa na ɔde biaa abasobɔ ama no.


Na yentumi nkane yɛ ho mfra binom, na yentumi mfa yɛ ho ntoto binom a bɛkamfo bɛ ho kyerɛ he ho. Nɔkorem he, bɛ ho a bɛde yɛ susuhoma ma bɛ ho, na bɛde bɛ ho toto bɛ ankasa bɛ ho bɛ ho he kyerɛ sɛ benni nteaseɛ.


Nso yɛbɔ Nyankopɔn mpaeɛ, na hoanyɔ bɔne biaa, ɔnyɛ sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ yɛmfata, na mmom, sɛnea ɔbɛyɔ na hoanya adepa, na yɛ deɛ yɛayɛ sɛ nea yɛmfata.


Yeefiri aseɛ asane ayi yɛ ho ayɛ? Anaa ohia ma yɛ sɛ yɛde ayeyie krataa bra ho anaa yenya bi firi honkyɛne sɛnea binom yɔ no he?


Yenni yɛ ho adanseɛ nkyerɛ ho bio, nso yɛama ho akwannya a hode yɛ bɛhoahoa ho ho, sɛnea ɔbɛyɛ a hobenya mmuaeɛ ama bɛ a bɛhoahoa bɛ ho honam fam nso ɔnnyɛ akoma mu he;


na adeɛ nyinaa mu yɛda yɛ ho adi sɛ Nyankopɔn asomfoɔ. Yɛafa Boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyerɛ mu, atowerɛnkyɛm mu,


Bɔ mmɔdene sɛ wobɛ sɔ Nyankopɔn ani na obehu wo sɛ dwumayɔni a n’ani nwu bibiaa ho, na ɔkyerɛ nɔkwasɛm mu pɛpɛɛpɛ.


na ama bɛahu sɛ ho gyidie he yɛ kann, na ɔsombo kyɛne sikakɔkɔɔ mpo. Sikakɔkɔɔ a betumi sɛe no he mpo, bɛde gya sɔ hwɛ, nti ho gyidie a ɔsom bo kyɛne sikakɔkɔɔ he, ɔsɛ sɛ bɛsɔ hwɛ hu sɛ, obetumi agyina anaa. Ɔno akyi ansa na da a Yesu Kristo bɛba he, hoanya animuonyam.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ