Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




2 Korintofoɔ 1:20 - Apam Foforɔ

20 Na Nyankopɔn bɔhyɛ nyinaa yɛ nɔkorɛ. Ne saa nti ɔnam Kristo so ne yɛka “Amen” de hyɛ Nyankopɔn animuonyam.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




2 Korintofoɔ 1:20
41 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na nnyae yɛ mma yɛnnkɔ nsɔhwɛ mu, na mmom gye yɛ firi bɔnefoɔ he nsam. [Efiri sɛ ɔyɛ wo ne ahennie ne tumi ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen!]


“Animuonyam nka Nyankopɔn sorosoro, na asomdwie nka nnipa a bɛsɔ n’ani asaase so.”


Mmara he deɛ, bɛnam Mose so ne de maeɛ, na adom ne nɔkorɛ he deɛ nam Yesu Kristo so ne baeɛ.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene kwane he, nɔkorɛ he ne nkwa he, bi nkɔ Agya he nkyɛne gye sɛ ɔfa me so.


Yesu buaa sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ wo sɛ, bɛamfa nsuo ne honhom anwo bi a ontumi nkɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Biaa nni hɔ efiri sɛ, nnoɔma nyinaa firi ne mu, na ɔnam ne so, na ɔyɛ ne dea. Ɔno ne animuonyam nka no daa daa. Amen.


Na bɔne akatua a ne wuo, nso Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa a ɔya Awurade Kristo Yesu mu.


Sɛ anyɛ saa a, wode honhom hyira a, ɔbɛyɛ dɛ na deɛ ɔnte aseɛ he agye w’aseda he so sɛ “Amen”, bere a onnim deɛ wooka?


Nɔkwasɛm ne sɛ, ho nti ne bibiaa ya hɔ, na sɛdeɛ adom trɛ ka nnipa bebree he, aseda nso adɔɔso ahyɛ Nyankopɔn animuonyam.


efiri sɛ Nyankopɔn kaa sɛ, “Hann mfiri sum mu nhyerɛn,” ɔnoaa ne ahyerɛn yɛ akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɔya Yesu Kristo anim he nimdeɛ nhyerɛn.


Nso twerɛsɛm he da no adi sɛ nnoɔma nyinaa hyɛ bɔne tumi ase, na ama bɔ a bɛnam Yesu Kristo mu gyidie so ahyɛ he aba bɛ a bɛgye di he so.


na ayɛ ayeyie ama animuonyam adom a ɔde nam ne Dɔba he so akyɛ yɛ kwa.


sɛnea ɔbɛyɔ a mmerɛ a ɔɔba he mu ɔnam n’ayamyɛ so bɛda n’adom mmorosoɔ a mu nni hwehwɛbea he adi akyerɛ yɛ Kristo Yesu mu.


Bɛne Nyankopɔn ayi bɛ sɛ benhu sɛnea n’ahintasɛm yi animuonyam kɛseɛ he bɛda adi amanamane mufoɔ mu, ɔno ne Kristo a ɔya ho mu a ɔyɛ animuonyam anidasoɔ he.


berɛ a ɔbɛba ama bɛahyɛ no animuonyam n’ahoteefoɔ mu, na bɛahwɛ n’anwanwadeɛ a ada adi bɛ a bɛagye adi nyinaa mu, efiri sɛ bɛagye yɛ adanseɛ a yedii no ho ho he adi, da heaa mu.


Yeinom nyinaa wuu gyidie mu a bɛ nsa anka bɔhyɛ he, na mmom behuu no akyirikyiri gye tomm, kaa sɛ, bɛyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ asaase yi so,


Sɛnea Yesu Kristo teɛ nnora he, ɔte saa nnɛ, na ɔbɛyɛ saa ara daa.


Nso saa beema yi a omfiri Lewi abusua he mu he gyee ntotosoɔ du du firii Abraham a ne nsa kaa bɔhyɛ he hɔ; na ohyiraa Abraham.


Nyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ he sɛ, ɔnyɛ bɛ ho ne bɛsomeeɛ na mmom ho ne bɛde nnoɔma a asie na bɛɛka ho asɛm he ɔɔsom ho. Na akyire yiaa bɛada Asɛmpa he adi akyerɛ yɛ nyinaa. Saa Honhom Kronkron he a bɛsoma no firii soro he tumi so ne bɛnam kasa kyerɛɛ bɛ; saa tumi heaa so ne bɛnam kasa kyerɛɛ yɛ nso. Yeinom yɛ nnoɔma bi a abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ behu mu.


Yei ne adanseɛ he: Nyankopɔn ama yɛ nkwa a onni awieeɛ; na saa nkwa he ya ne Ba he mu.


“Twerɛ krataa kɔma Laodikea asafo mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri Amen a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ a ɔyɛ bibiaa a Nyankopɔn bɔeɛ he abɔseɛ nkyɛne.


kaa sɛ, “Amen! Nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi ne ahoɔdene yɛ Nyankopɔn dea daa daa! Amen!”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ