3 Dɔ a yɛdɔ Nyankopɔn he, kyerɛ di a yedi ne mmara so. Na ne mmara he nso so di nyɛ adesoa mma yɛ,
Bɛkyekyere nnesoa duruduru a ne soa ɔdene, na bɛde ato afoforɔ mmati so; nso bɛ ankasa deɛ bɛmpɛ sɛ bɛde bɛ nsa teaa mpo ka nnesoa he.
“Hodɔ me a hobedi m’ahyɛdeɛ so.”
Sɛ hodi m’ahyɛdeɛ so a, hobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛdeɛ so na mete ne dɔ mu he.
Sɛ hoyɔ nea mehyɛ ho he a, hedeɛ hoyɛ me nnamfo.
Nti mmara he yɛ kronkron, na mmaransɛm he yɛ kronkron, ɔtene na ɔyɛ papa nso.
Na m’ani gye Nyankopɔn mmara a ɔte me mu he ho,
Apam a me ne Israel fie bɛpam di, Awurade dɛ nna he akyi he: Mede me mmara bɛhyɛ bɛ adwenem, na matwerɛ no bɛ akoma so, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛ yɛ me mane.
Adeɛ paa a ɔkyerɛ sɛ yennim Nyankopɔn ne sɛ, yebedi ne mmara so.
Na dɔ a meeka ho asɛm yi di: Sɛ yɛbɛnante sɛdeɛ ahyɛdeɛ he teɛ. Yei ne ahyɛdeɛ a hote firii mfitiaseɛ he sɛ, honnante dɔ mu.