3 Na honhom a ɔnka saa mfa Yesu ho he mfiri Nyankopɔn. Saa honhom he yɛ Kristo-kotiafoɔ a hotee sɛ ɔbɛba he, na afei wanya aba wiase he.
Efiri sɛ bebree bɛba me dini mu, abɛka sɛ, ‘Me ne Kristo he,’ na bɛbɛdaadaa nnipa bebree.
Me mma nkumaa, awieeɛ he abɛne. Bɛka kyerɛɛ ho sɛ Kristo-kotiafoɔ he bɛba, nso seesei, nnipa bebree aba a bɛko tia Kristo. Yei nti yɛahu sɛ ampa awieeɛ he abɛne.
Afei, hwane ne torɔfoɔ he? Torɔfoɔ he ne nea ɔka sɛ Yesu nyɛ Kristo he. Ɔno ne Kristo-kotiafoɔ he. Saa nipa he ne nea ɔpo Agya he ne Ba he nyinaa.
Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase, nipa a bɛmpae mu nka sɛ Yesu Kristo baa honam mu. Nipa biaa a ɔte saa he yɛ daadaafoɔ he ne nea ɔko tia Kristo he.