9 Biaa a ɔyɛ Nyankopɔn ba he ntena bɔne mu, efiri sɛ, Nyankopɔn su ya ne mu na ɔnam sɛ Nyankopɔn awo no nti, ontumi ntena bɔne mu.
Dua pa ntumi nso aba bɔne, saa nso ne dua bɔne ntumi nso aba pa.
Yeinom yɛ mma a omfiri mogyaa anaa nea honam pɛ anaa nea beema pɛ so ne awo bɛ, na mmom Nyankopɔn pɛ so ne ɔnam a bɛawo bɛ.
Yesu buaa no sɛ, “Meeka nɔkwasɛm paa akyerɛ wo sɛ, bɛamfiri soro anwo bi a ontumi nnya kyɛfa biaa Nyankopɔn ahennie he mu.”
Na yɛ mmom deɛ, nea yɛate na yɛahu he, yentumi nnyae ho asɛm ka da.”
Daabi da, ɔnsɛ sɛ yɛyɔ saa koraa! Mmɛ nti ne ɔsɛ sɛ yɛ a yɛawu ama bɔne kɔ so tena bɔne mu?
Na nea honam pɛ he ko tia Honhom he, na nea Honhom he nso pɛ he ko tia honam he; efiri sɛ saa nnoɔma he ko tia ne yɔnko, sɛ obesi ho kwane na hoanyɔ nea hopɛ.
daa nkwa ho anidasoɔ a Nyankopɔn a onni torɔ, hyɛɛ ho bɔ too hɔ ansa na adebɔ ɔɔbɛhyɛ aseɛ—
Na bɛamfiri aba a ɔporɔ mu, na mmom befiri nea ɔmporɔ mu, ɔne sɛ bɛnam Nyankopɔn asɛm a ɔte ase na ɔbɛtena hɔ he so ne awo bɛ foforɔ.
Sɛ honim sɛ ɔyɛ teneneeni a, honhu sɛ biaa a ɔyɔ ade tenenee he, Nyankopɔn ne awo no.
Nti nea ɔte ne mu he nkɔ so nyɔ bɔne. Na biaa a ɔkɔ so yɔ bɔne he nhuu no, na onnim no.
Anuanom, homma yɛnnodɔ yɛ ho yɛ ho, efiri sɛ, dɔ firi Nyankopɔn. Nipa biaa a ɔwɔ dɔ he yɛ Nyankopɔn ba na onim Nyankopɔn nso.
Nea ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn ne awo no. Biaa nni hɔ a ɔdɔ bi na ɔnnɔ saa nipa he ba nso.
Yenim sɛ Nyankopɔn ba biaa ntena bɔne mu, efiri sɛ, nea Nyankopɔn awo no he hwɛ ne ho so yie, na bɔnefoɔ he ntumi mfa ne nsa nka no.
efiri sɛ, biaa a Nyankopɔn awo no di wiase so nkunim, na ɔnam yɛ gyidie so ama yɛadi wiase so nkunim.
Me dɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Biaa a ɔyɛ papa he yɛ Nyankopɔn deɛ. Na biaa a ɔyɛ bɔne he nso nhuu Nyankopɔn.