Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Yohane 2:7 - Apam Foforɔ

7 Adɔfonom, mmara a meetwerɛ abra ho yi nyɛ asɛm foforɔ. Ɔyɛ mmara dadaa a hoate firi mfitiaseɛ heaa. Mmara dadaa he yɛ adeɛ a hoate ho asɛm dada.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Yohane 2:7
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Hoate sɛ bɛkaa sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko na tane w’atamfoɔ.’


Ahyɛdeɛ foforɔ ne mede ɔɔma ho sɛ, honnodɔ ho ho sɛnea medɔɔ ho he, saa ne ho nso honnodɔ ho ho ho ho.


Nti bɛkyee no de no kɔɔ Areopago asennibea bisaa no sɛ, “Wobetumi ama yɛahu nkyerɛkyerɛ foforɔ a wookyerɛkyerɛ yi mu?


Adɔfonom, ɔyam sɛ yɛkasa saa kwane yi so deɛ, nso yɛwɔ awerɛhyɛmu sɛ ho fam deɛ nnoɔma pa bi ya hɔ ma ho, nnoɔma a ɔma nkwagyeɛ.


Homma asɛm a hote no mfitiaseɛ he ntena ho mu. Sɛ asɛm a hotee no mfitiaseɛ he tena ho mu a, ɔno ne hobɛtena Ba he ne Agya he mu.


Na yei ne nsɛm a hoate firi mfitiaseɛ, sɛ honnodɔ ho ho ho ho.


Me nuanom, seesei yɛyɛ ne mma nso nea daakye yɛbɛyɛ he nya nnaa adi. Nso yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, efiri sɛ, yebehu no sɛnea ɔteɛ ankasa.


Nti anuanom adɔfo, sɛ yɛ akoma ammu yɛ fɔ a, hedeɛ na yɛde akokoɔduro kɔ Nyankopɔn anim.


Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo dini he nni, na yɛnnodɔ yɛ ho yɛ ho, sɛnea ɔhyɛɛ yɛ he.


Adɔfo, honnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom honsɔ ahonhom he nhwɛ sɛ befiri Nyankopɔn anaa; efiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree aba wiase.


Adɔfonom, sɛ saa ne Nyankopɔn dɔ yɛ deɛ a, hedeɛ ɔsɛ sɛ yɛ nso yɛdodɔ yɛ ho yɛ ho.


Yei ne ahyɛdeɛ a yɛanya no ne nkyɛne: nea ɔdɔ Nyankopɔn he, ɔsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.


Anuanom, homma yɛnnodɔ yɛ ho yɛ ho, efiri sɛ, dɔ firi Nyankopɔn. Nipa biaa a ɔwɔ dɔ he yɛ Nyankopɔn ba na onim Nyankopɔn nso.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ