4 Sɛ bi ka sɛ, “Menim no,” na nso onni ne mmara so a, saa nipa he yɛ torɔfoɔ a nɔkorɛ he nni ne mu.
Hofiri ho agya bronsam hɔ, na hopɛ sɛ hoyɔ ho Agya he apɛdeɛ. Ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nɔkorɛ he mu efiri sɛ nɔkorɛ nni ne mu. Sɛ odi torɔ a, ofiri ɔno ankasa ne mu ne ba, efiri sɛ ɔyɛ torɔfoɔ ne atorɔ agya.
Nnipa bebree nso ya hɔ a bɛte atua, bɛyɛ kasahunufoɔ na bɛyɛ nnaadaafoɔ, ne titire ne bɛ a befiri twetiatwafoɔ mu he;
Nnipa a bɛte saa he ka sɛ benim Nyankopɔn, nso bɛde bɛ nneyɔeɛ po no. Bɛyɛ Nyankopɔn akyiwadeɛ, asoɔdenfoɔ, bɛnyɛ ma adwuma pa biaa.
Sɛ yɛka sɛ yɛnyɔɔ bɔne a, yɛma Nyankopɔn yɛ torɔfoɔ, na n’asɛm he nni yɛ mu.
Na sɛ afei yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa berɛ koro heaa mu yɛnante sum mu a, na yeedi torɔ na yɛnnante nɔkorɛ he mu.
Sɛ yɛka sɛ yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛ ho, na nɔkorɛ he nni yɛ mu.
Adeɛ paa a ɔkyerɛ sɛ yennim Nyankopɔn ne sɛ, yebedi ne mmara so.
Biaa a ɔka sɛ ɔya hann he mu, nso ɔtane ne nua he da so ya sum mu.
Nti nea ɔte ne mu he nkɔ so nyɔ bɔne. Na biaa a ɔkɔ so yɔ bɔne he nhuu no, na onnim no.
Sɛ bi ka sɛ, “Medɔ Nyankopɔn” na ɔtane ne nua a, ɔyɛ torɔfoɔ, efiri sɛ, bi ntumi nnɔ Nyankopɔn a onhuu no, berɛ a ɔtane ne nua a ohu no he.
Anuanom, homma yɛnnodɔ yɛ ho yɛ ho, efiri sɛ, dɔ firi Nyankopɔn. Nipa biaa a ɔwɔ dɔ he yɛ Nyankopɔn ba na onim Nyankopɔn nso.