3 Adeɛ paa a ɔkyerɛ sɛ yennim Nyankopɔn ne sɛ, yebedi ne mmara so.
“Mmɛ nti ne hofrɛ me ‘Awurade, Awurade,’ nso honyɔ nea meka yi?
“Hodɔ me a hobedi m’ahyɛdeɛ so.”
Sɛ hodi m’ahyɛdeɛ so a, hobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛdeɛ so na mete ne dɔ mu he.
Sɛ hoyɔ nea mehyɛ ho he a, hedeɛ hoyɛ me nnamfo.
Na yei ne daa nkwa sɛ bebehu wo, wo a aoyɛ Nyankopɔn kann koro he, ne Yesu Kristo nea wasoma no he.
efiri sɛ Nyankopɔn kaa sɛ, “Hann mfiri sum mu nhyerɛn,” ɔnoaa ne ahyerɛn yɛ akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɔya Yesu Kristo anim he nimdeɛ nhyerɛn.
na owiee pɛyɛ he, ɔbɛyɛɛ daa nkwa farebae maa bɛ a bɛyɛ setie ma no he nyinaa,
Agyanom, meetwerɛ abra ho, efiri sɛ, honim nea ɔte ase firi mfitiaseɛ he. Mmabunu, meetwerɛ abra ho, efiri sɛ, hoadi Bronsam so. Mmɔfra nkumaa, meetwerɛ abra ho, efiri sɛ, honim Agya he.
Yenim sɛ yɛatwam afiri wuo mu aba nkwa mu, efiri sɛ, yɛdɔ anuanom. Nea onni dɔ he te wuo mu.
Yei ne bɛma yɛahu sɛ yefiri nɔkorɛ he mu, na ama yɛ akoma atɔ yɛ yam Nyankopɔn anim,
Nti nea ɔte ne mu he nkɔ so nyɔ bɔne. Na biaa a ɔkɔ so yɔ bɔne he nhuu no, na onnim no.
Nea ɔma yehu sɛ yɛte Nyankopɔn mu, na ɔno nso te yɛ mu ne sɛ, waama yɛ ne Honhom.
Anuanom, homma yɛnnodɔ yɛ ho yɛ ho, efiri sɛ, dɔ firi Nyankopɔn. Nipa biaa a ɔwɔ dɔ he yɛ Nyankopɔn ba na onim Nyankopɔn nso.
Yenim sɛ wiase nyinaa hyɛ bɔnefoɔ he tumi ase, nso yɛ deɛ yɛyɛ Nyankopɔn nkurofoɔ.
Sɛ yɛdɔ Nyankopɔn na yedi n’ahyɛdeɛ so a, ɔnoaa ne yɛde hu sɛ yɛdɔ Nyankopɔn mma.
Dɔ a yɛdɔ Nyankopɔn he, kyerɛ di a yedi ne mmara so. Na ne mmara he nso so di nyɛ adesoa mma yɛ,
Na tweaseɛ he bo fuu baa he, na okotuu n’asefoɔ nkaeɛ a bedi Nyankopɔn ahyɛdeɛ so na bekura Yesu adanseɛ he so sa.
Yei nti ne ɔsɛ sɛ Nyankopɔn nkurofoɔ ne bɛ a bedi Nyankopɔn mmara so na bɛgye Yesu di he nya boasetɔ he.
Nhyira nka bɛ a bɛahoro bɛ ntaadeɛ na afiri, na bɛ a bɛwɔ ho kwane sɛ bedi nkwa dua he aba na bɛfa kuro he pono he mu.