1 Me mma nkumaa, meetwerɛ yei abra ho na aboa ho ama hoanyɔ bɔne; na sɛ bi yɔ bɔne a, yɛwɔ kamafoɔ bi ya Agya he nkyɛne, ɔno ne Yesu Kristo teneneeni he.
M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa, na biaa nnim onii ko a Ba he yɛ, gye Agya he; na biaa nnim onii a Agya he yɛ, gye Ba he ne nea Ba he pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no nkoaa.”
Mma nkumaa, mene ho ya hɔ mmerɛ tiaa bi. Hobɛhwehwɛ me, na sɛnea maka akyerɛ Yudafoɔ he sɛ, ‘Baabi a meekɔ hontumi mma hɔ he, saa ne seesei meeka akyerɛ ho nso.’
Nso mewɔ adanseɛ a ɔkyɛne Yohane deɛ he, efiri sɛ nnwuma a m’Agya de ahyɛ me nsa sɛ menyɔ he, nnwuma a meeyɔ heaa di me ho adanseɛ sɛ Agya heaa ne asoma me.
Honnyɔ aduane a ɔsɛe ho adwuma, na mmom honyɔ aduane a ɔtena hɔ de kɔ daa nkwam a Nipa Ba he de bɛma ho he ho adwuma, efiri sɛ, ɔno ne Agya Nyankopɔn ankasa de ne nsɔano agye no atom.”
Na Kristo anhyɛne kronkronbea a bɛde nsa ayɔ a ɔyɛ kronkronbea kann he ho nhwɛsoɔ he mu, na mmom ɔhyɛnee soro ankasa sɛ afei ookoyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛ.
Nyamesom a ho te na nkekaeɛ nni mu a Agya Nyankopɔn ani sɔ di: Sɛ bi bɛdwene nyanka ne akunafoɔ ho, bɛ ahohiahia mmerɛ mu, na ɔbɛte ne ho afiri wiase nkekaeɛ ho.
Na Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko; ɔno a ɔtene he wu maa abɔnefoɔ, na ɔde ho akɔ Nyankopɔn nkyɛne; ɔno na bekuu no honam mu nso, ɔnam Honhom he so sɔreeɛ,