8 Na esiane sɛ yɛyɛ adekyeɛ mma he nti, homma yɛ ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidie ne dɔ sɛ nkataboɔ, ɔne nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ;
Na afei gyidie, anidasoɔ ne dɔ, nnoɔma mmeɛnsa yi ne ya hɔ, na mu kɛseɛ paa ne dɔ.
nɔkorɛ asɛnka ne Nyankopɔn tumi a tenenee akodeɛ a ɔya yɛ nsa nifa ne benkum ka ho;
Na yɛ deɛ, yɛnam Honhom he so ɔɔtwɛne tenenee anidasoɔ a ogyina gyidie so he dendenndene.
Honhyɛ Nyankopɔn akodeɛ nyinaa, na ama hoatumi agyina Bronsam nnaadaa ano;
Asomdwie ne dɔ a gyidie ka ho a ofiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom nyinaa.
Na ho nyinaa ho yɛ hann mma ne adekyeɛ mma; yɛnyɛ anadwo anaa sum mma.
Nti afei yɛ Awurade Yesu Kristo he ankasa ne yɛ Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛ na wama yɛ daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu he,
Yɛwɔ saa anidasoɔ a otim hɔ pintinn sɛ kra sɛkyɛ, anidasoɔ a ɔhyɛne mu de kosii ntwamutam he mu,
Nti honsi ho adwene pi, na homma ho ani nna hɔ. Honnyina yie, na homma ho ani nna adom a bɛde bɛma ho Yesu Kristo ba a ɔbɛba he mu he so.
Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.
Na sɛ yɛnante hann he mu sɛnea ɔno nso nante mu he a, hedeɛ na yɛ ne yɛ ho yɛ ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu he mogyaa te yɛ ho firi bɔne nyinaa ho.