5 Na ho nyinaa ho yɛ hann mma ne adekyeɛ mma; yɛnyɛ anadwo anaa sum mma.
Na fiewura he kamfõõ fiehwɛfoɔ nitefoɔ he, efiri sɛ ɔde n’adwene yɔɔ adwuma; yei mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mu mma yɛ anitefoɔ sene hann mma bɛ mfɛfoɔ mu.
Howɔ hann he yi, honye hann he nni, na hoayɛ hann he mma.” Na Yesu kaa yei wieeɛ he, ofirii hɔ kohintaeɛ.
na woabie bɛ ani, adane bɛ afiri sum mu aba hann mu, na bɛafiri Satan tumi mu aba Nyankopɔn nkyɛne, na bɛanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ bɛ a bɛnam me mu gyidie so ate bɛ ho mu.’
Na kane he na hoyɛ sum, nso afei deɛ hoyɛ hann Awurade mu, nti hommɔ ho bra sɛ hann mma—
Na esiane sɛ yɛyɛ adekyeɛ mma he nti, homma yɛ ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidie ne dɔ sɛ nkataboɔ, ɔne nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ;
Nso, kwane bi so he, mmara a meetwerɛ abra ho yi yɛ foforɔ, na mu nɔkorɛ he da adi ya Kristo mu. Sum he ootwam na hann trodoo he ahyɛ aseɛ ɔɔhyerɛn.